Amigo
O amigo verdadeiro é dádiva rara de Deus. Ele ama em todo tempo, fala a verdade em amor, aconselha com sabedoria e permanece fiel nas adversidades da vida.
Amizade verdadeira
Há amigo mais chegado que um irmão. Em todo tempo ama o amigo. O perfume e o incenso alegram o coração — assim o conselho doce do amigo.
Ɔbarima a ne nnamfonom dɔɔso betumi ahwe ase,
nanso adamfo bi wɔ hɔ a ɔbɛfam ne ho asen onua.
Adamfo kyerɛ ɔdɔ bere nyinaa mu,
wɔwo onuabarima ma ahokyere bere.
Ngo ne aduhuam ma koma ani gye,
adamfo ho anigye fi nʼafotu pa a ɔma.
Dade sew dade,
saa ara na onipa sew ɔfoforo.
Animka a ɛda gua
ye sen ɔdɔ a asuma.
Apirakuru a efi adamfo nkyɛn no ye
sen ɔtamfo mfewano bebrebe.
Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,
nkɔ wo nuabarima fi bere a ɔhaw ato wo,
na ɔyɔnko a ɔbɛn wo no ye sen onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.
Nea ɔne onyansafo nantew no hu nyansa,
na nea ɔne nkwaseafo bɔ no hu amane.
Mfa obi a ne koma yɛ den no adamfo,
na mfa wo ho mmɔ nea ne bo nkyɛ fuw,
anyɛ saa a, wubesua nʼakwan
na woakɔtɔ afiri mu.
Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,
na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?
Ahonya frɛfrɛ nnamfonom bebree;
nanso ohiani adamfo gyaw no hɔ.
Jesus, o amigo
Já não vos chamo servos, mas amigos. O maior amor é dar a vida pelo amigo. Jesus é o amigo que nunca falha.
Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom. Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a na moyɛ me nnamfonom. Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ maka biribiara a mete fii mʼAgya no nkyɛn akyerɛ mo.
Mʼahyɛde ne sɛ monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no. Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom.
Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu.
Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu? Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi.
Na Kyerɛwsɛm no baa mu se, Abraham gyee Onyankopɔn dii na esiane ne gyidi no nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. Enti wɔfrɛ Abraham Onyankopɔn adamfo.) kyerɛ Abraham ne Onyankopɔn adamfofa ne gye a ogyee no sɛ ɔtreneeni no. (Yoh 15.13-15)
Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho mo ho. Munni afoforo ni nsen mo ho.
Companheiros de fé
Dois são melhores do que um. Os companheiros de fé se fortalecem mutuamente e caminham juntos com o Senhor.
Baanu ye sen ɔbaakofo,
efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:
Sɛ ɔbaako hwe ase a
ne yɔnko betumi aboa no.
Nanso onipa a ɔhwe ase a
onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.
Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ
sɛ anuanom bɔ mu tena faako!
Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na esian kogu bɔgyesɛ mu,
esian kogu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma bi kogu nʼatade kɔn mu.
Ɛte sɛ Hermon bosu a
ɛtɔ gu Bepɔw Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a to ntwa da no.
Meyɛ wɔn a wosuro wo nyinaa adamfo,
wɔn a wodi wo nkyerɛkyerɛ so nyinaa.
Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo.
"Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa."