Pular para o conteúdo
Publicidade

Amor de casal

Por Bíblia Online

O amor de casal é celebrado na Bíblia como dom sagrado. O Cântico dos Cânticos exalta a beleza do amor conjugal — íntimo, exclusivo e forte como a morte.

Fa me to wo koma so nsɔwanode,

nsɔwanode wʼabasa so,

efisɛ ɔdɔ ano den owu,

ne ninkutwe tim ɔda.

Ɛhyehye ogyatannaa,

ogyatannaa a ano den pa ara.

Nsu dodow rentumi nnum ɔdɔ;

nsubɔnten rentumi nhohoro nkɔ.

obi de ne fi ahonya nyinaa bɛsesa ɔdɔ a

anka wɔremmu no ade a ɛsom bo.

Nnamfonom:

Woagye me koma abɔ so, me nuabea, mʼayeforo;

woagye me koma abɔ so;

wode wʼani a ɛbɔɔ me so,

ne wo kɔnmuade mu ɔbohemaa baako.

Ma ɔmfa nʼano mfewano no mfew mʼano,

efisɛ wo no anigye sen bobesa.

Wʼaduhuam yi hua a ɛyɛ anigye;

wo din te aduhuam a wɔahwie.

Na ɛnyɛ nwonwa mmabaa no wo!

Me dɔfo, wo ho !

Ao, ahoɔfɛ ni!

Wʼaniwa aba te mmorɔnoma.

Ababaa:

Me dɔfo, wo ho !

Ao, ahoɔfɛ ni!

Yɛn mpa so akɔnnɔakɔnnɔ.

Aberante:

Onyankopɔn Hawa

Afei Awurade Nyankopɔn kae se, "Enye onipa nko tena; mɛbɔ ɔboafo a ɔfata no ama no."

Afei Awurade Nyankopɔn de mfe mu mparow baako a oyi fii onipa mu no bɔɔ ɔbea, de no maa onipa no.

Na Adam kae se,

"Mʼankasa me dompe

ne me honam bi ni.

Wɔbɛfrɛ oyi ɔbea efisɛ

ɔbarima mu na woyii no fii."

Eyi nti na ɔbarima gyaw nʼagya ne ne na de ne ho kɔbɔ ne yere ho sɛnea wɔn baanu no bɛyɛ nnipa koro.

Nea wanya yere no anya ade pa

na onya adom fi Awurade .

Nhyira nka wʼasubura

na wʼani nnye wo mmrantebere mu yere ho.

Ɔte ɔtwe bere dɔfo, ɔwansan nuonyamfo;

ma ne nufu nsɔ wʼani daa

na ne nkyekyere wo.

Me ba, adɛn nti na woma ɔbea aguaman kyekyere wo?

Adɛn nti na woda ɔbarima foforo bi yere kokom?

Enti na wɔnyɛ baanu bio, na mmom wɔabɛyɛ ɔhonam koro. Enti nea Onyankopɔn aka abɔ mu no, ɛnsɛ obiara tetew mu."

Ɔdɔ boasetɔ na ne tirim mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ.

Saa ara na ɛsɛ mmarima wɔn yerenom sɛnea wɔdɔ wɔn nipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no nʼankasa ne ho. Obiara ntan ne ho. Mmom ɔma no aduan hwɛ no yiye sɛnea Kristo asafo no,

Enti ɛsɛ okunu biara ne yere nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de nidi ma ne kunu.

Eyi nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde koroyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.

Baanu ye sen ɔbaakofo,

efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:

ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko betumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

onni ɔboafo no, mmɔbɔ.

Bio, baanu da mu a wɔka wɔn ho hyew.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?

Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.

Ɛnyɛ Awurade koro no ara na ɔbɔɔ mo? Ɔhonam fam ne honhom fam no, moyɛ ne dea. Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ? Ɔrehwehwɛ mma a onyamesuro wɔn mu. Enti da wo ho so honhom mu, na di wo mmerantebere mu yere nokware.

ɔbarima aware foforo a, ɛnsɛ wɔde no ɔko anaasɛ wɔde dwuma bi di to no so. Ɛsɛ ɔtena fie afe a ɔnyɛ adwuma biara sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛma ne yere foforo a waware no no anya ahotɔ.

Seja o primeiro