Pular para o conteúdo
Publicidade

Autocontrole

Por Bíblia Online

O autocontrole é fruto do Espírito e virtude indispensável. A graça de Deus nos ensina a renunciar à impiedade e a viver com sobriedade, domínio próprio e piedade no mundo presente.

Fruto e virtude

O domínio próprio é fruto do Espírito. Acrescentai ao conhecimento o autocontrole. A disciplina interior produz maturidade.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni a etia eyinom.

Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho.

Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa. Nʼadom no kyerɛ yɛn , yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wiase ha.

Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso.

Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra.

Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa.

Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.

Dominar a si mesmo

Melhor é quem domina o seu espírito do que quem toma uma cidade. A cidade sem muros é quem não tem autocontrole.

Nea ɔwɔ abodwokyɛre no ye sen ɔkofo,

na nea ɔmfa abufuw ye sen nea ɔko fa kuropɔn.

Onipa a onni ahohyɛso no

te kuropɔn a nʼafasu abubu agu fam.

Ɔkwasea da abufuw nyinaa adi,

nanso onyansafo hyɛ ne ho so.

Mman mfa nifa anaa benkum;

twe wo nan fi bɔne ho.

Nkwaseafo bo nkyɛ fuw,

nanso mmadwemma bu wɔn ani gu animka so.

Tɛkrɛma kura nkwa ne owu tumi,

na wɔn a wɔdɔ no no bedi nʼaba.

Monnyɛ mo ho wiasefo mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene mo mu, na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ nʼani ne nea ewie pɛyɛ.

Otie Ne Ɔyɛ

Me nuanom adɔfo, monhyɛ eyinom nsow: monyɛ ntɛm ntie, monyɛ nyaa nkasa na monyɛ nyaa mfa abufuw;

Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne ɔhonam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro na anya.

Ɛno nti, ɛnsɛ yɛdeda afoforo no. Ɛsɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase.

"Me ne mʼani yɛɛ apam

meremfi akɔnnɔ mu, nhwɛ ababaa.

Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua mu no.

Seja o primeiro