Pular para o conteúdo
Publicidade

Comunhão com os irmãos

Por Bíblia Online

A comunhão com os irmãos é marca da igreja verdadeira. Os cristãos primevos perseveravam na comunhão — partindo pão, orando e encorajando-se mutuamente.

Comunhão verdadeira

Perseveravam na doutrina dos apóstolos e na comunhão. A comunhão autêntica envolve amor sacrificial e acolhimento mútuo.

Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.

Asafo No Asetena

Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ. Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no. Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho. Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara. Daa na wɔbɔ mu hyia asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa mu didi wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam nnipa anim. Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.

Momma yɛn ho yɛn ho asɛm nhia yɛn na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho na yɛnyɛ papa. Mommma yɛnnnyae yɛn ho yɛn ho nhyiamu da sɛdeɛ afoforɔ bi no. Mmom, momma yɛnhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran dendeenden, ɛfiri , mo ara mohunu ɛrenkyɛre na ɛda no aba.

Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne a ɛyɛ

anuanom bom tena faako!

Ɛte ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,

na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,

ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,

ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.

Ɛte Hermon bosuo a

ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.

Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,

nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.

a kane no na me ne no ayɔnkofa a emu den

ɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.

Baanu sene ɔbaakofoɔ,

ɛfiri wɔnya wɔn adwumayɛ so mfasoɔ a ɛsɔ ani:

ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko bɛtumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

ɔnni ɔboafoɔ no mmɔbɔ.

Bio, baanu da mu a, wɔka wɔn ho hye.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ɔkɔntenkorɔ aka ne ho hye?

Ɔbaakofoɔ deɛ, wɔbɛtumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Homa a wɔawɔ no mmɛsa no, wɔntumi ntete mu ntɛm.

Amor fraternal

Amai-vos com amor fraternal sincero. Encorajem-se mutuamente e carreguem os fardos uns dos outros.

Seesei a moayɛ ɔsetie ama nokorɛ no, mo ho ate. Ɛno enti, monnodɔ mo nuanom agyidifoɔ nokorɛ mu. Momfiri mo akoma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.

Monnye mo ho ahɔhoɔ mo afie mu a huhuhuhu biara nni akyire.

Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho. Monni afoforɔ ni nsen mo ho.

Kristo Ahobrɛaseɛ

Mo nkwa a mowɔ Kristo mu no hyɛ mo den anaa? Ne kyekyere mo werɛ anaa? Mo ne Honhom no ayɔnkofa bi anaa? Mowɔ ayamyɛ ne ayamhyehyeɛ ma mo ho mo ho anaa? ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ monnya adwene korɔ ɔdɔ ne Honhom ne botaeɛ korɔ mu na mʼanigyeɛ awie pɛyɛ.

Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.

Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.

Me nuanom, mo deɛ, wɔfrɛɛ mo mommɛde mo ho. Nanso, mommma saa ahofadie yi mmɔ ɛkwan mma bɔne; mmom, momfa ɔdɔ nsom mo ho mo ho.

Esiane saa enti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛdeɛ mogu so reyɛ yi.

Na afei yɛka yɛne no ayɔnkofa na saa ɛberɛ korɔ no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atorɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛeɛ mu. Na yɛte hann mu sɛdeɛ ɔte hann mu no a, ɛnneɛ na yɛne yɛn ho yɛn ho ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya te yɛn ho firi bɔne nyinaa ho.

Enti, anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; montie mʼafotuo; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoeɛ mu. Na ɔdɔ ne asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo bɛtena.

"Ahyɛdeɛ foforɔ na mede regya mo , Monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no.

Seja o primeiro