Coração quebrantado
Deus está perto dos que têm o coração quebrantado. A Bíblia consola os aflitos: o sacrifício que Deus aceita é o espírito quebrantado e um coração contrito — jamais desprezará.
Awurade bɛn wɔn a wɔn koma abotow
na ogye wɔn a wɔadwerɛw wɔn wɔ honhom mu no nkwa.
Onyankopɔn afɔre yɛ honhom a abotow,
Onyankopɔn,
worempo ahonu ne ahobrɛase koma.
Ɔsa wɔn a wɔn koma abotow no yare,
na ɔkyekyere wɔn akuru.
Me honam, ne me koma bedi me huammɔ,
nanso Onyankopɔn ne me koma ahoɔden
ne me kyɛfa daa nyinaa.
Na oyi ne nea ɔkorɔn no,
nea ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no se:
"Mete beae a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,
mene nea ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,
sɛ mɛkanyan honhom mu hiani no honhom,
na makanyan ne koma a abubu no.
Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa,
na ɛma ɛbae ana?"
Awurade na ose.
"Obi a mʼani sɔ no ni:
nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom,
na ne ho popo wɔ mʼasɛm ho.
Awurade Adom Afe
Otumfo Awurade Honhom wɔ me so,
efisɛ, wɔafrɛ me
sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo.
Wasoma me se, menkɔkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ,
se mempae mu nka ahofadi nkyerɛ nnommum
na wonyi nneduafo mfi sum mu,
se mempae mu nka Awurade adom no ho asɛm,
ne yɛn Nyankopɔn aweretɔ da.
Wasoma me se, menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ,
na memma wɔn a wodi awerɛhow wɔ Sion no nea wohia,
na menhyɛ wɔn ahenkyɛw fɛfɛ
nsi nsõ anan mu,
anigye ngo
nsi awerɛhowdi anan mu,
ayeyi atade
nsi abasamtu honhom anan mu.
Wɔbɛfrɛ wɔn trenee adum
nea Awurade adua
de ada nʼanuonyam adi.
"Nhyira ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ ahiafo wɔ honhom mu,
na wɔn na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.
Nhyira ne wɔn a wɔn werɛ ahow,
na wɔn na Onyankopɔn bɛkyekye wɔn werɛ.
Nhyira ne ahobrɛasefo,
na wɔn na Onyankopɔn bɛma wɔadi asase so.
Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba. Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho.
Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, "Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara." Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.