Homem de Deus
O homem de Deus é aquele que busca a justiça, a piedade, a fé e o amor. A Bíblia apresenta modelos de homens íntegros que andaram com Deus e marcaram a história.
Características do homem de Deus
O homem de Deus foge das paixões e segue a justiça, a piedade, a fé, o amor, a perseverança e a mansidão.
Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi.
Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa.
Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden. Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.
Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.
Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?
Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,
na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.
Exemplos bíblicos
Noé era justo e íntegro entre seus contemporâneos. Jó era homem reto que temia a Deus e se desviava do mal.
Noa awo ntoatoaso ni.
Na Noa yɛ onipa ɔtreneeni a ne ho nni asɛm wɔ ne bere sofo no mu. Ɔyɛɛ Onyankopɔn apɛde.
Ɔbarima bi tenaa ase wɔ Us asase so a na ne din de Hiob. Na ne ho nni asɛm na ɔyɛ pɛ; na osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.
Onyankopɔn somaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yohane. Obedii hann no ho adanse sɛnea ɛbɛma nnipa afa ne so agye hann no adi.
Onipa a ɔwɔ nhumu no ani kɔ nyansa so,
na ɔkwasea toto nʼani kosi asase ano.
Viver como filho de Deus
Quem faz a vontade de Deus é eleito. Medite na Palavra e ande nos caminhos do Senhor como verdadeiro discípulo.
Na wɔn a wogyee no, na wogyee ne din dii no, ɔmaa wɔn tumi ma wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn mma wɔ honhom fam a emfi onipa anaa ɔhonam fam, na mmom efi Onyankopɔn ankasa.
Yenim sɛ Onyankopɔn ntie nnebɔneyɛfo asɛm; na mmom otie nnipa a wodi no ni na wɔyɛ nʼapɛde no.
Awurade Mmara Ho Osetie
Aberante bɛyɛ dɛn na nʼakwan ho atew?
Ɛsɛ sɛ odi wʼasɛm so.
Mede me koma nyinaa hwehwɛ wo;
mma me mman mfi wo mmara nsɛm ho.
Mede wʼasɛm asie me koma mu
sɛnea merenyɛ bɔne ntia wo.
Awurade, ayeyi nka wo;
kyerɛkyerɛ me wo hyɛ nsɛm.
Mede mʼano ka mmara
a efi wʼanom nyinaa.
Mʼani gye sɛ midi wʼahyɛde so,
sɛnea obi ani gye ahonya bebree ho no.
Midwinnwen wo nkyerɛkyerɛ ho
na mehwehwɛ wʼakwan mu.
Mʼani gye wo hyɛ nsɛm ho;
na merentoto wʼasɛm ase.Awurade
Nhyira ne onipa a
ontie amumɔyɛfo afotu
na onni nnebɔneyɛfo nhwɛso akyi
na ɔntena fɛwdifo tenabea.
Na mmom, Awurade mmara sɔ nʼani,
na osusuw ho awia ne anadwo.
Ɔte sɛ dua a wɔatɛw wɔ asuten ho,
na ɛsow nʼaba ne bere mu a
nʼahaban no nguan da.
Nea ɔyɛ biara yɛ yiye.
Nanso nnebɔneyɛfo nte saa;
wɔte sɛ ntɛtɛ a
mframa bɔ gu.
Enti amumɔyɛfo rentumi nnyina atemmu no ano,
na nnebɔneyɛfo nso rentena atreneefo asafo mu.
Efisɛ Awurade kyerɛ ɔtreneeni kwan
nanso amumɔyɛfo kwan de, ɛbɛyera.
Enti montwe mo ho mfi mo suban dedaw no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔw no ho. Momma Honhom no nyɛ mo koma ne mo adwene foforo, na montena ase wɔ suban foforo a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ treneeyɛ ne kronkronyɛ mu no.