Intimidade com Deus
A intimidade com Deus é o maior privilégio do cristão. Ele nos convida a nos aproximar, a conhecê-lo profundamente e a desfrutar de comunhão diária com o Criador do universo.
Aproximar-se de Deus
Chegai-vos a Deus e Ele se chegará a vós. Deus deseja intimidade, não religiosidade. Ele busca os que o buscam de todo coração.
Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene yɛ ntanta!
Osukɔm Ho Ɔfrɛ
"Mommra, mo a osukɔm de mo nyinaa,
mommra nsu no ho;
na mo a munni sika,
mommra mmɛtɔ na munni!
Mommra mmɛtɔ nsa ne nufusu
a munntua hwee.
Adɛn nti na mosɛe sika wɔ nea ɛnyɛ aduan ho
ne mo ahoɔden wɔ nea ɛmmee ho?
Muntie, muntie me na munni nea eye,
na mo kra ani begye nnepa a ɛwɔ akatua pa ho.
Monyɛ aso, na mommra me nkyɛn;
muntie me, na mo kra anya nkwa.
Me ne mo bɛyɛ apam a ɛte hɔ daa,
me dɔ a to ntwa da a mede hyɛɛ Dawid bɔ no.
Hwɛ, mede no ayɛ adansedi ama nnipa no,
wɔn kannifo ne ɔsahene.
Ampa ara mobɛfrɛ aman a munnim wɔn,
na aman a munnim no bɛyɛ ntɛm aba mo nkyɛn,
Awurade, mo Nyankopɔn nti,
Israel Ɔkronkronni no,
efisɛ wahyɛ mo anuonyam."
Monhwehwɛ Awurade bere a mubehu no.
Momfrɛ no bere a ɔbɛn.
Mebua wɔn ansa, mpo, na wɔafrɛ me.
Bere a wogu so rekasa no metie.
‘Frɛ me na megye wo so, na maka wo nsɛm akɛse ne nneɛma a ahintaw a wunnim.’
Minim nhyehyɛe a mewɔ ma mo," Awurade na ose, "Nhyehyɛe a ɛde mo besi yiye na ɛrenhaw mo, nhyehyɛe a ɛbɛma mo anidaso ne awiei pa.
Sede de Deus
Como a corça deseja as correntes de água, assim a minha alma suspira por ti, ó Deus. A intimidade nasce do desejo profundo.
Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,
saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.
Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?
Wo, Onyankopɔn, ne me Nyankopɔn
Mehwehwɛ wo anibere so;
wo ho sukɔm de me kra,
me nipadua ani agyina wo,
wɔ asase a awo na asade nni mu so,
faako a nsu nni.
Mahu wo wɔ Kronkronbea hɔ
mahu wo tumi ne wʼanuonyam.
Esiane sɛ wʼadɔe di mu sen nkwa nti
mʼanofafa bɛhyɛ wo anuonyam.
Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo,
na wo din mu na mɛma me nsa so.
Me kra bɛmee sɛnea wadi aduan papa bi;
mede anofafa a ɛto dwom beyi wo ayɛ.
Meda me mpa so a, mekae wo.
Anadwo dasu mu nyinaa, midwen wo ho.
Efisɛ wone me boafo,
wo ntaban ase nwini mu na mɛto dwom.
Me kra bata wo ho;
na wo nsa nifa kura me mu.
Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe;
wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
Wɔbɛdan wɔn ama afoa
na wɔbɛyɛ aduan ama sakraman.
Nanso ɔhene bedi ahurusi wɔ Onyankopɔn mu;
wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no,
na wobemua atorofo ano.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.
Unidade com o Pai
Jesus orou pela unidade dos seus com o Pai. A intimidade com Deus inclui confissão, perdão e alegria na comunhão.
Mede anuonyam a wode hyɛɛ me a ɛmaa me ne wo yɛɛ baako no ahyɛ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso wɔbɛyɛ baako sɛnea yɛn nso yɛyɛ baako no. Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako na wiase ahu sɛ wo na wosomaa me na wodɔ wɔn sɛnea wodɔ me no.
Awurade wo Nyankopɔn ne wo wɔ hɔ,
Ɔyɛ ogyefo ɔhoɔdenfo.
Nʼani begye wo ho
ne dɔ mu, ɔrenka wʼanim bio,
ɔde nnwonto bedi wo ho anigye."
Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho.