Pular para o conteúdo
Publicidade

Jesus me ama

Por Bíblia Online

Jesus me ama — essa certeza transforma vidas. O amor de Cristo não depende do nosso merecimento, mas da sua natureza. Ele nos amou primeiro, e nada pode nos separar desse amor.

Ele me amou primeiro

Nós amamos porque Ele nos amou primeiro. O amor de Deus se manifestou em nos enviar seu Filho como propiciação pelos nossos pecados.

Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.

Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata.

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no yɛn. Ne a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn.

Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Nanso Onyankopɔn da ne adi eyi mu , bere a yɛyɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.

Amor inseparável

Nem a morte, nem a vida, nem qualquer outra criatura poderá nos separar do amor de Deus em Cristo Jesus nosso Senhor.

Migye di ampa owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa ɔsoro anaa fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛn ne Onyankopɔn a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

Hena na obetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya anaa owu na ebetumi atetew ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no ana? Dabi da! Wɔakyerɛw se,

"Wo nti wokum yɛn daa nyinaa;

wobu yɛn nguan a wɔrekokum wɔn."

Nanso eyinom nyinaa mu no, yɛnam nea ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.

ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo ne awufo mu abakan ne asase so ahene sodifo no nkyɛn nka mo.

Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wu no so agye yɛn afi yɛn bɔne mu. Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfo yɛnsom ne Nyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

Esiane moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no nti, munsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛnea Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too maa yɛn afɔrebɔde a ɛyɛ huam ma Onyankopɔn no.

Celebrar o amor de Jesus

O amor de Jesus é motivo de cântico e louvor. De manhã cantarei teu amor e à noite proclamarei tua misericórdia.

Ao mʼAhoɔden, mɛto ayeyi dwom ama wo;

wo, Onyankopɔn, ne mʼabandennen, me Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.

Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto "Susan Edut."

Mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo ne Awurade,

ne bo kyɛ fuw na nʼadɔe dɔɔso.

Ɔrenkɔ so mmɔ sobo,

na ɔrennya yɛn ho menasepɔw nkosi daa;

Ɔnhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛnea ɛfata

na ontua yɛn nnebɔne so ka sɛnea ɛte.

Na sɛnea ɔsoro ne asase ntam ware no,

saa ara na nʼadɔe so wɔn a wosuro no no so.

Sɛnea apuei ne atɔe ntam ware no,

saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.

Ɔdɔ biara nsen obi bewu ama ne nnamfonom.

Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo . Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo.

Seja o primeiro