Pular para o conteúdo
Publicidade

Legalidades

Por Bíblia Online

A Bíblia reconhece a necessidade de leis e governo civil. Os cristãos são chamados a obedecer às autoridades estabelecidas por Deus, enquanto mantêm a lealdade suprema a Cristo.

Submissão às autoridades

Toda autoridade é instituída por Deus. O cristão é chamado a respeitar as leis, pagar tributos e honrar quem governa.

Momfa Nidi Mma Tumi

Ɛsɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ tumi biara nni a emfi Onyankopɔn mu. Tumi biara a ɛwɔ no fi Onyankopɔn. Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ no di asi no tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba nʼankasa so. Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo, na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ woyɛ obi a onsuro nea tumi ne nsam ana? Ɛno de, nea ɛteɛ na ɔbɛkamfo wo. Efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na woyɛ bɔne a, suro no efisɛ ne tumi a ɔde twe aso no da fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo, enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. Esiane saa nti, ɛsɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi, a ɛnyɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane nim a wunim ɛsɛ woyɛ no nti.

Eyi nti na ɛsɛ wutua tow, efisɛ atumfo no wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.

Asɛde

Nne obiara ka. Ka a ɛsɛ wode ara ne wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no adi mmara no so.

Mommɔ ɔbra pa amanaman a mofra wɔn mu no mu, na wɔka mo ho nsɛm moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.

Mommrɛ mo ho ase Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so, anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so.

Ka ma yentie. Eye woyi tow ma Roma Hempɔn Kaesare anaa enye?"

Yesu huu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn se, "Mo nyaatwomfo! Adɛn nti na mopɛ mode nnaadaa me hwɛ? Momfa sika a wɔde yi tow no bi nkyerɛ me." Wɔde bi kyerɛɛ no. Obisaa wɔn se, "Hena mfoni na ɛda so, na hena din nso na ɛwɔ so?"

Wobuaa se, "Kaesare."

Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, "Ɛno de, momfa Kaesare de mma Kaesare, na momfa Onyankopɔn de mma Onyankopɔn."

Obrigações legais

Jesus cumpriu obrigações legais, pagou impostos e orientou seus seguidores a obedecer à lei sem comprometer a fé.

Yesu Tua Asɔredan Mu Tow

Bere a wobeduu Kapernaum no nso, ɛhɔ asɔre no mu towgyefo baa Petro nkyɛn bebisaa no se, "Enti wo wura tua tow?"

Petro buaa no se, "Yiw otua."

Petro fii no, ɔkɔɔ fie kɔbɔɔ Yesu amanneɛ a ɛfa towtua no ho. Yesu amma nʼano ansi koraa na obisaa no se, "Na wo Petro, wo nso wudwen ho dɛn? Ahemfo twa tow ma wɔn ara wɔn manfo tua anaasɛ wotwa ma ahɔho a wodi wɔn so no?"

Petro buaa se, "Wotwa tow no ma ahɔho no."

Yesu nso buae se, "Petro mo! Ɛno de na ɛnsɛ ɔman mma no tua tow biara. Na mmom, esiane mempɛ wɔfa yɛn ho abufuw no nti, asu no mu kɔto darewa. Apataa a wubeyi no adi kan no, bue nʼanom. Wubehu sika a ɛbɛso me ne wo tow no tua ɛhyɛ nʼanom; yi na fa kotua ma wɔn."

"wo ne obi nya asɛm a, wo ne no mmɔ mu ntɛm, na wamfa wo ankɔ asennii ankɔma otemmufo, na otemmufo no amfa wo anhyɛ afiasehwɛfo nsa, na afiasehwɛfo no amfa wo ankɔto afiase. Mereka no nokware akyerɛ mo se, ansa na wubefi asennii no, gye woatua sika biara a wɔregye afi wo no.

Me nti, wɔde mo bɛkɔ atumfo ne ahene anim. Eyi bɛma moanya kwan aka asɛmpa no akyerɛ wɔn ne amanamanmufo no. wɔkyere mo a, munnnwinwen asɛm a mobɛka de ayi mo ho ano ho. Wɔde asɛm a mobɛka no bɛma mo bere a ɛsɛ mu.

Yesu Awo

Saa bere no na Kaesare Augusto a na ɔyɛ Roma hempɔn no hyɛɛ mmara bi se wɔnkan ne man no mu nnipa nyinaa. Saa nnipakan yi ne nea edi kan Kirenio a ɔyɛ amrado Siria no bere so. Obiara kɔɔ ne kurom ma wɔkyerɛw ne din.

Esiane na Yosef Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe.

Perspectiva divina

As nações são como uma gota no balde diante de Deus. Ele abre portas que nenhuma lei pode fechar.

Ampa ara aman no te nsu sope bokiti mu;

wɔde wɔn toto mfutuma a egu nsania so ho;

ɔkari nsupɔw te sɛnea ɛyɛ mfutuma muhumuhu.

Aman nyinaa nsɛ hwee nʼanim;

obu wɔn adehunu bi

a wɔnka hwee.

Ɛwɔ mu wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa ha.

Pilato bisaa no se, "Woremmua me ana? Ɛsɛ wuhu mewɔ tumi migyaa wo na mewɔ tumi nso mema wɔbɔ wo asennua mu!"

Yesu buaa no se, "Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a anka wunni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso."

Seja o primeiro