Publicidade

Misericórdia

Por Bíblia Online

A misericórdia de Deus é eterna e inesgotável. Ele se compadece dos que sofrem, perdoa os arrependidos e derrama graça sobre os que não merecem. Grande é a sua fidelidade.

A misericórdia de Deus

Quem é Deus como tu, que perdoa a iniquidade? Ele se deleita em ter misericórdia e não retém a ira para sempre.

Hena na ɔte sɛ wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabufuw ntena hɔ daa,

na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

Ao, Onyankopɔn hu me mmɔbɔ,

sɛnea wʼadɔe a ɛnsa da no te;

wʼahummɔbɔ kɛse no nti,

pepa me mmarato.

Hohoro mʼamumɔyɛ nyinaa

na tew me ho fi me bɔne mu!

Kae, Awurade, wo mmɔborɔhunu ne wo dɔ kɛse

a ɛwɔ hɔ fi tete no.

Nkae me mmabun bere mu bɔne

ne mʼatuatew akwan;

kae me sɛnea wʼadɔe te,

Awurade, efisɛ wuye.

Awurade, mifi bun mu su frɛ wo;

Awurade, tie me nne.

Wɛn wʼaso

ma me nkotosrɛ.

Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;

ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.

Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi

me nkwanna nyinaa;

na mɛtena Awurade fi

daa.

Sɛnea agya yam hyehyew no wɔ ne mma ho no,

saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wosuro no no;

Graça e perdão

Onde o pecado abundou, superabundou a graça. Deus convida todos ao arrependimento e promete perdão total aos que confessam.

Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baako no bɔne nti, nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom bebree kwa no.

Dɛn bio? Esiane sɛ yɛnhyɛ mmara ase na yɛhyɛ adom ase no nti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bɔne ana? Dabi da.

Nanso esiane nʼadɔeyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn nti, Onyankopɔn a nʼahummɔbɔ dɔɔso no maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ bere a anka yɛawuwu wɔ amumɔyɛ mu mpo; adom nti na wɔagye mo nkwa.

Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, "Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara." Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.

Onipa a ɔkata ne bɔne so no nnya nkɔso,

na nea ɔka ne bɔne na ogyae yɛ no nya ahummɔbɔ.

Ma omumɔyɛfo ntwe ne ho mfi nʼakwan ho

na ɔbɔnefo nso mfi ne nsusuwii ho.

Ma ɔnnan nkɔ Awurade nkyɛn, na obehu no mmɔbɔ,

ɔnnan nkɔ yɛn Nyankopɔn nkyɛn, na ɔde ne ho bɛkyɛ no.

Nanso Awurade pɛ sɛ ɔdom mo;

ɔma ne ho so, kyerɛ wo nʼahummɔbɔ.

Efisɛ Awurade yɛ ɔtreneeni Nyankopɔn.

Nhyira ne wɔn a wɔtwɛn no nyinaa!

Misericórdia e compaixão

Misericórdia quero e não sacrifício. Deus nos chama a ser misericordiosos como Ele é, perdoando e acolhendo o próximo.

Ɔsan kaa bio se, "Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn."

Petro baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, "Awurade, mpɛn ahe na sɛ me nua fom me a memfa nkyɛ no? Mpɛn ason ana?"

Yesu buaa no se, "Dabi! Mpɛn aduɔson ahorow ason!

Sɛ mode wɔn a wɔfom mo mfomso kyɛ wɔn a, mo nso mo ɔsoro Agya no de mo mfomso bɛkyɛ mo.

Nanso wo mmɔborɔhunu a ɛdɔɔso nti, woantɔre wɔn ase anaa woannyaa wɔn afebɔɔ. Woyɛ ɔdomfo ne ahummɔbɔ Nyankopɔn.

Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa,

wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so.

Ma Awurade yɛn Nyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye mma yɛn;

yiw, ma yɛn nsa ano adwuma nyɛ yiye.

Acessar a misericórdia

Cheguemos com confiança ao trono da graça. Ali encontramos misericórdia e graça para socorro no tempo oportuno.

Momma yensi yɛn bo na yɛmmra) Onyankopɔn ahengua a adom wɔ mu no anim, na ɛno na ɛbɛma yɛanya ahummɔbɔ ne adom a ɛbɛboa yɛn wɔ bere a ɛsɛ mu.

Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ muso mu.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, sɛ ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Na mo de, ɛnyɛ sɛ wɔadom mo sɛ munni Kristo akyi nko, na mmom sɛ mubehu amane nso.

Hesekia Yɛ Ahoboa Ma Twam Afahyɛ

Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra Awurade Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni Awurade, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ. Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi Awurade, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ.

Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se:

"Israel manfo, monsan mmra Awurade, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma Awurade. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom Awurade, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. Na sɛ mosan ba Awurade nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so."

Wodi Twam Afahyɛ No

Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma Awurade asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no.

Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu.

Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa Awurade Asɔredan mu. Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa Awurade. Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, "Awurade a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a." Na Awurade tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare.

Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa Awurade de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho.

Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn.

Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ.

"Sɛ ɔbarima gyaa ne yere

na ɔbea no kɔware ɔbarima foforo a,

ɛsɛ sɛ ɔbarima no san kɔ ɔbea no nkyɛn ana?

Ɛremma asase no ho ngu fi koraa ana?

Nanso wo ne adɔfo bebree abɔ aguaman,

na mprempren de wobɛsan aba me nkyɛn ana?"

Awurade na ose.

"Ma wʼani so hwɛ nkoko no so.

Baabi wɔ hɔ a wɔntoo wo mmonnaa da ana?

Wotenaa kwankyɛn twɛn adɔfo,

wotenaa sɛ mmoahwɛfo a wodi atutena wɔ nweatam so.

Woagu asase no ho fi,

wode wʼaguamammɔ ne wʼamumɔyɛ na ayɛ.

Enti wɔatwe obosu asan,

na asusowbere su antɔ.

Nanso wʼanim ayɛ sɛ oguamanfo a ɔmfɛre hwee;

wʼani nwu hwee.

Nnansa yi ara, woamfrɛ me se:

‘Mʼagya, me mmabunmmere mu adamfo,

wo bo befuw biribiara ana?

Wʼabufuwhyew no bɛkɔ so daa ana?’

Sɛɛ na wokasa,

nanso woyɛ bɔne nyinaa sɛnea wutumi."

Israel A Onni Nokware

Ɔhene Yosia adedi bere so no, Awurade ka kyerɛɛ me se, "Woahu nea Israel a onni nokware no ayɛ? Wakɔ nkoko nyinaa so ne dua a adennan biara ase akɔsɛe aware wɔ hɔ. Misusuwii sɛ anka wayɛ eyinom nyinaa akyi no, ɔbɛsan aba me nkyɛn nanso wamma, na ne nuabea Yuda a ɔno nso nka nokware no hui. Memaa Israel a onni nokware no awaregyae nhoma na mepam no esiane nʼawaresɛe abrabɔ nti. Nanso mihuu sɛ ne nuabea Yuda a onni nokware no ansuro; ɔno nso kɔbɔɔ aguaman bra. Esiane sɛ Israel aguamammɔ anyɛ no asɛnhia nti, ɔde fi kaa asase no na ɔne abo ne nnua bɔɔ aguaman. Eyinom nyinaa akyi no, ne nuabea Yuda amfi ne koma nyinaa mu ansan amma me nkyɛn, ɔyɛ de kyerɛɛ kɛkɛ," sɛnea Awurade se ni.

Awurade ka kyerɛɛ me se, "Israel a onni nokware no teɛ sen Yuda okontomponi no. Kɔ, fa wʼani kyerɛ atifi fam kɔka saa nsɛm yi kyerɛ wɔn:

" ‘San wʼakyi, Israel a onni nokware,’ Sɛɛ na Awurade se,

‘Meremmuna nkyerɛ wo bio,

efisɛ meyɛ mmɔborɔhunufo,’ sɛɛ na Awurade se,

‘Me bo remfuw afebɔɔ.

Gye wo afɔdi to mu,

woatew Awurade, wo Nyankopɔn anim atua,

woakyekyɛ wʼadɔe mu ama ananafo anyame

wɔ dua biara a adennan ase,

na woanyɛ osetie amma me,’ "

sɛnea Awurade se ni.

"Monsan mo akyi, mo akyirisanfo," sɛnea Awurade se ni, "efisɛ meyɛ mo kunu. Meyi wo; ɔbaako befi kurow mu na baanu afi abusuakuw mu, na mede mo aba Sion. Afei mɛma mo nguanhwɛfo a wɔda me koma so, wɔn a wɔde nimdeɛ ne ntease bɛkyerɛ mo ɔkwan. Saa nna no mu, sɛ mo dɔɔso bebree wɔ asase no so a," Awurade na ose, "nnipa renka bio se, ‘Awurade apam adaka no.’ Ɛremma wɔn adwene mu anaa wɔrenkae da; wɔn kɔn rennɔ na wɔrenyɛ foforo nso. Saa bere no wɔbɛfrɛ Yerusalem Awurade Ahengua, na amanaman nyinaa behyia wɔ Yerusalem abɛkamfo Awurade din. Na wɔrenni wɔn koma bɔne a ɛma wɔyɛ asoɔden no akyi bio. Saa nna no mu, Yuda fi bɛka Israelfi ho, na wɔabɔ mu afi atifi fam asase bi so aba asase a mede maa mo agyanom sɛ agyapade no so.

"Mʼankasa mekae se,

‘Anka ɛbɛyɛ me anigye sɛ mɛyɛ mo sɛ mma

na mama mo asase a eye,

agyapade a edi mu ma ɔman biara.’

Misusuwii sɛ mobɛfrɛ me ‘Agya’

na monnan mo ho mfi mʼakyi.

Nanso te sɛ ɔbea a onni ne kunu nokware no,

saa ara na moanni me nokware, Israelfi,"

sɛnea Awurade se ni.

Wɔte osu bi wɔ nkoko no so,

ɛyɛ Israelfo agyaadwotwa ne nkotosrɛ,

efisɛ wɔakyeakyea wɔn akwan

na wɔn werɛ afi Awurade, wɔn Nyankopɔn.

"Monsan mmra, ɔyera mma;

mɛsa mo akyirisan yare no."

"Yiw, yɛbɛba wo nkyɛn,

efisɛ wo ne Awurade, yɛn Nyankopɔn no.

Ampa, ahoni huuyɛ wɔ nkoko

ne mmepɔw so no yɛ nnaadaa;

nokware Awurade yɛn Nyankopɔn mu

na Israel nkwagye wɔ.

Efi yɛn mmofraase, anyame huhuw adi

yɛn agyanom nsa ano adwuma so aba,

wɔn nguankuw ne anantwi,

wɔn mmabarima ne wɔn mmabea.

Momma yɛmfa yɛn aniwu nneda fam

na yɛn ahohora nkata yɛn so.

Yɛayɛ bɔne atia Awurade yɛn Nyankopɔn,

yɛn ne yɛn agyanom;

efi yɛn mmofraase besi nnɛ

yɛanyɛ osetie amma Awurade, yɛn Nyankopɔn no."

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-20_17-16-08-