Pular para o conteúdo
Publicidade

Morte de Jesus

Por Bíblia Online

A morte de Jesus é o sacrifício supremo do amor de Deus. Na cruz, o Cordeiro de Deus carregou os pecados do mundo, satisfez a justiça divina e abriu o caminho da salvação para todos.

O sacrifício na cruz

Jesus disse: 'Está consumado!' Na cruz, Ele cumpriu toda a lei, pagou o preço do pecado e reconciliou a humanidade com Deus.

Yesu Wu

Saa bere no Yesu huu afei de, biribiara aba nʼawie, na sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm no bɛba mu no nti, ɔkae se, "Osukɔm de me." Wɔde sapɔw a etua adwerɛ ano bɔɔ nsa a emu keka mu de kaa nʼano. Yesu nom wiei no, ɔkae se, "Mawie!" Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.

Asraafo no bɔɔ Yesu asennua mu wiei no, wɔkyɛɛ ne ntade mu maa asraafo baanan no. Na saa atade no atade bi a wɔanwen fi ne soro kosi ne fam a enni mpamee.

Asraafo no nyinaa kae se, "Mommma yɛnntetew mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yenhu onipa a obenya."

Ade a wɔyɛɛ yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a Kyerɛwsɛm a ɛka se,

"Wɔkyekyɛɛ me ntama mu,

bɔɔ mʼatade so ntonto fae" no bɛba mu.

Nea asraafo no yɛe ne no.

Nnipa a na wogyina Yesu asennua no ho pɛɛ no ne ne na, ne na nuabea, Maria a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. Yesu huu ne na ne osuani a ɔdɔ no no wogyina no, ɔka kyerɛɛ ne na se, "Ɔbea, wo ba ni." Afei ɔka kyerɛɛ osuani no se, "Wo na ni." Efi saa bere no, osuani no faa no ne no kɔtenae.

Woduu faako a wɔfrɛ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfo baanu no asennua mu a ɔbaako ne nifa na ɔbaako nso ne benkum. Yesu kae se, "Agya, fa kyɛ wɔn, efisɛ wonnim nea wɔreyɛ." Asraafo no kyekyɛɛ ne ntade mu bɔɔ so ntonto fae.

Saa bere no na nnipadɔm no gyinagyina rehwɛ no. Yudafo mpanyimfo no dii ne ho fɛw se, "Ogyee ebinom nkwa; ose ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, onnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ."

Asraafo no nso dii ne ho fɛw de nsa a ɛkeka bi brɛɛ no kae se, "wone Yudafo hene no a gye wo ho nkwa."

Wɔkyerɛw saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi asennua no so se,

"YUDAFO HENE NO NI."

Nnebɔneyɛfo baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asennua mu no mu baako dii Yesu ho fɛw se, "Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso."

Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, "Wunsuro Onyankopɔn? Hu yɛn nyinaa afɔbu koro no ara mu. Yɛn de, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na oyi de, ɔnyɛɛ bɔne biara."

Ɔsan kae se, "Yesu, wudu wʼahenni mu a kae me."

Yesu buaa no se, "Merehyɛ wo se nnɛ wobɛka me ho Paradise."

Yesu Wu

Efi owigyinae kɔpem nnɔnabiɛsa no, sum duruu asase no so nyinaa. Yesu de nne kɛse teɛɛ mu se, "Eli, Eli, lama sabaktani?" Ase ne , "Me Nyankopɔn, Me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me?"

Ɛhɔ ara, ntama a etwa asɔredan no mu no mu suanee abien fi soro kosii fam. Asase wosowee. Abotan paapaee. Nna so buebue maa atreneefo a wɔawuwu nyannyanee. Yesu wusɔre akyi no, wopuepue fii wɔn nna mu kɔɔ Yerusalem, koyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.

Asraafo a wɔwɔ no huu asase wosow ne nsɛm a esisii no, wɔn koma tuu yiye ma wɔkae se, "Ampa ara, onipa yi Onyankopɔn Ba."

Nanso yɛn mmarato nti na wopiraa no,

yɛn amumɔyɛ nti na wɔdwerɛw no;

asotwe a ɛde asomdwoe brɛɛ yɛn no daa no so,

na nʼapirakuru mu na yenya ayaresa.

Yɛn nyinaa ayerayera te nguan,

yɛn mu biara afa ne kwan;

na Awurade de yɛn nyinaa

amumɔyɛ ato no so.

Wɔhyɛɛ no so, yɛɛ no ayayade,

nanso wammue nʼano;

wɔde no kɔɔ te oguamma a wɔrekokum no.

Sɛnea oguamma komm ne nwitwitwafo anim no,

saa ara na wammue nʼano.

Akraman atwa me ho ahyia,

nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia,

wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.

Me nnompe nyinaa gu petee mu;

Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me.

Wɔkyɛ me atade mu fa,

na wɔbɔ me ntama so ntonto.

Obiara a ohu me di me ho fɛw;

wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se:

"Ɔde ne ho to Awurade so;

ma Awurade mmegye no.

Ma ɔmmɛboa no,

efisɛ ɔwɔ no mu anigye."

O amor que se entrega

Ninguém tem maior amor do que aquele que dá a vida pelos amigos. Deus prova seu amor em que Cristo morreu por nós quando ainda éramos pecadores.

Ɔdɔ biara nsen obi bewu ama ne nnamfonom.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

Na bere a yɛyɛ atamfo mpo Onyankopɔn de ne Ba no wu yɛɛ mpatade maa yɛn a, saa mmere yi a yɛne Onyankopɔn ayɔnkofa yi de, yenim ɔnam ne Ba no so begye yɛn nkwa.

Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom.

Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne.

Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

Morte e ressurreição

Jesus morreu e ressuscitou, e a morte não mais tem domínio sobre Ele. Pelo batismo, participamos de sua morte e ressurreição.

Efisɛ yenim wɔanyan Kristo afi owu mu, na ɔrenwu bio. Owu nni ne so tumi bio. Ne wu a owui no yɛɛ owuprɛko maa bɔne, na nʼase a ɔte yi, ɔte ma Onyankopɔn.

Anaa munnim bere a wɔbɔɔ yɛn nyinaa asu hyɛɛ Kristo Yesu mu no, wɔbɔɔ yɛn asu hyɛɛ ne wu mu? Bere a wɔbɔɔ yɛn asu no, yewui na wosiee yɛn ne Kristo. Sɛnea Agya Onyankopɔn nam nʼanuonyam so nyan Kristo fii awufo mu baa nkwa mu no, saa ara nso na mprempren yɛte ase nkwa foforo mu.

Ɛsɛ obiara wu prɛko , na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔre baako de gyee dodow no ara wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔremmegye nnebɔneyɛfo na mmom, ɔbɛba abegye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

"Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. Onyankopɔn ankasa fi ne ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no. Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so."

"Mene oguanhwɛfo pa no. Oguanhwɛfo pa no ne obi a otumi de ne nkwa to ma ne nguan.

Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi ɔbɛba.

Seja o primeiro