Pular para o conteúdo
Publicidade

Nascimento de Jesus

Por Bíblia Online

O nascimento de Jesus é o evento que divide a história. O Verbo se fez carne e habitou entre nós. Deus enviou seu Filho ao mundo para nos salvar e nos reconciliar consigo.

O Verbo se fez carne

Jesus não nasceu por acaso — sua encarnação foi planejada antes da fundação do mundo. Ele se esvaziou e assumiu a forma humana por amor.

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ Yesu Kristo de no bi.

Ɔno na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de,

nanso wanhwɛ ne ho ɔne Onyankopɔn bɛyɛ .

Ɔdan ne tumi kɛse ne nʼanuonyam too nkyɛn.

Mmom, ofii ne mu faa akoa tebea de too ne ho so,

baa onipa bɛyɛɛ nʼade onipa.

Ɔbrɛɛ ne ho ase,

yɛɛ osetie

de koduu owu mu,

asennua ho wu mu mpo.

Nanso bere pa no dui no, Onyankopɔn somaa ne Ba a ɔbea woo no Mmara ase ommegye wɔn a wɔhyɛ Mmara ase, sɛnea wɔbɛyɛ Onyankopɔn mma.

Esiane mma no ɔhonam ne mogya nti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne wu no so bɛsɛe ɔbonsam a okura owu tumi no ahoɔden. Na ɔnam so agye wɔn a esiane wosuro owu nti, wɔayɛ akoa wɔn asetena nyinaa mu no.

Eyi kyerɛ ɔkwan biara so no, ɛsɛ ɔyɛ ne nuanom, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛyɛ wɔn Sɔfopanyin nokwafo ne mmɔborɔhunufo Onyankopɔn som mu, na anam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn.

"Na sɛnea Onyankopɔn dɔɔ wiase ni, ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no nyera na wanya nkwa a enni awiei.

O anúncio e o nascimento

O nascimento de Jesus foi anunciado por anjos, precedido por sinais e recebido com adoração pelos pastores e pelos magos do oriente.

Yesu Awo

Sɛnea Yesu Kristo awo ho nsɛm te ni: Wɔde ne na Maria maa Yosef ɔnware no, nanso ansa na wobehyia mu awarefo no, ohuu wanyinsɛn; nea efi Honhom Kronkron.

Bere a asɛm no ayɛ Yosef dadwen no, Awurade bɔfo beyii ne ho adi kyerɛɛ no dae mu. Ɔbɔfo no kae se, "Yosef, Dawid ba, nsuro wobɛfa Maria wo yere efisɛ ne nyinsɛn no fi Honhom Kronkron. Ɔbɛwo ɔbarima na woato no din Yesu, ase ne Agyenkwa, efisɛ ɔno na obegye ne nkurɔfo nkwa afi wɔn bɔne mu."

Eyi nyinaa baa mu de hyɛɛ nea Awurade nam odiyifo no so kae no ma se: "Ɔbabun no benyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na wɔato no din Immanuel" a ase ne , "Onyankopɔn ne yɛn ."

Bere a Yosef nyan no, ɔyɛɛ sɛnea ɔbɔfo no hyɛɛ no ɔnyɛ no. Enti ɔkɔfaa Maria baa ne fi ma ɔbɛyɛɛ ne yere. Nanso Yosef ne Maria anhyia da kosii Maria woo ɔbabarima maa Yosef too ne din "Yesu."

Ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ Maria bio se, "Maria, nsuro, efisɛ Awurade adom wo. Tie! Ɛrenkyɛ biara wubenyinsɛn na woawo ɔbabarima na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔbɛfrɛ no Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba. Na Awurade de ne nena Dawid ahengua no bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daa; na nʼahenni to rentwa da."

Esiane na Yosef Ɔhene Dawid busuani nti, na ɛsɛ ofi Galilea kurow a wɔfrɛ no Nasaret mu Betlehem a ɛwɔ Yudea. Ɔne ne yere Maria a saa bere no na ɔyem no na wɔkɔe. Wɔwɔ Betlehem no, awo kaa Maria, na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abofra no ho de no too mmoa adididaka mu, efisɛ wɔannya baabi ansoɛ ahɔhobea .

Ɔsoro ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. Nnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo Dawid kurom. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a mubehu. Mubehu akokoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu."

Bere a abɔfokuw yi san kɔɔ ɔsoro no, nguanhwɛfo no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, "Momma yɛnkɔ Betlehem na yɛnkɔhwɛ saa anwonwasɛm a asi a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi."

Wɔde ahoɔhare kɔɔ Betlehem kohuu Maria ne Yosef. Na wohuu abofra no nso ɔda mmoa adididaka mu. Nguanhwɛfo no huu abofra no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro ɔbɔfo no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia wo no. Wɔn a wɔtee nguanhwɛfo yi asɛm no nyinaa ho dwiriw wɔn.

O Rei que veio servir

Jesus nasceu para ser Rei, e todo aquele que é da verdade ouve a sua voz. Os magos o adoraram e ofereceram seus tesouros.

Pilato see no , "Ɛno de, na woyɛ ɔhene ana?"

Yesu buaa no se, "Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako nti na wɔwoo me baa wiase ha, mimmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me."

Anyansafo no tiee ɔhene no asɛm no wiei no, wɔkɔe. Wɔrekɔ no, nsoromma a wohuu apuei no san yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Edii wɔn anim kosii faako a wɔawo abofra no Betlehem . Bere a wohuu nsoromma no, wɔn ani gyee mmoroso. Woduu ofi a abofra no ne ne na Maria mu no, wɔkotow sɔree no. Wɔde wɔn akyɛde a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow yɛɛ no ayɛ. Onyankopɔn soo wɔn dae bɔɔ wɔn kɔkɔ se wɔnnsan nkɔ Herode nkyɛn bio Yerusalem. Enti wɔfaa ɔkwan foforo so kɔɔ wɔn kurom.

Seja o primeiro