Pular para o conteúdo
Publicidade

Nem só de pão vive o homem

Por Bíblia Online

'Nem só de pão vive o homem' — essa declaração de Jesus ao diabo no deserto revela que a Palavra de Deus é o verdadeiro alimento que sustenta a vida em plenitude.

O verdadeiro alimento

Quando tentado a transformar pedras em pão, Jesus respondeu com a Escritura: a vida humana depende de toda palavra que sai da boca de Deus.

Yesu buaa no se, "Wɔakyerɛw se, Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom asɛm biara a efi Awurade anom.’ "

Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu se, "wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa abo yi nnan aduan."

Yesu buaa no se, "Wɔakyerɛw se, Ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu.’ "

Nokware, ɔmaa ɔkɔm dee mo nam so brɛɛ mo ase na ɔmaa mo mana, aduan a na anka mo ne mo agyanom nnii bi da, dii. Ɔyɛɛ saa de kyerɛɛ mo , ɛnyɛ aduan nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu, na mmom, asɛm biara a efi Awurade anom.

Jesus, o pão vivo

Jesus é o pão da vida que desceu do céu. Quem come deste pão viverá para sempre. Ele é o sustento que satisfaz a fome da alma.

Yesu kae se, "Mene brodo a ɛma nkwa no. Obiara a ɔba me nkyɛn na ogye me di no, ɔkɔm anaa osukɔm renne no da.

Mene brodo a ɛma nkwa no.

Mene brodo a efi ɔsoro no; obi di saa brodo yi a ɔbɛtena ase daa. Brodo a mede bɛma obiara a ɔba me nkyɛn no ne me honam a mede ma, sɛnea ɛbɛyɛ na wiase benya nkwa."

Sɛnea Agya teasefo no somaa me na ɔno nti mete ase no, saa ara nso na obiara a odi me honam aduan no, me nti ɔbɛtena ase. Eyi ne brodo a efi ɔsoro bae. Ɛnte mana a yɛn nenanom dii sare so na wowuwui no. Saa brodo yi de, obiara a obedi bi no bɛtena ase daa."

Buscar o Reino acima de tudo

Não andeis ansiosos pelo que comer ou beber. Buscai primeiro o Reino de Deus, e todas estas coisas vos serão acrescentadas.

"Eyi nti na mitu mo fo se, munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom anaa nea mubefura ho. Mowɔ ɔkra ne nipadua a ɛsom bo sen nea mubedi ne nea mubefura.

Saa ara nso na munnnwinnwen nea mubedi anaa nea mobɛnom ho. Saa nneɛma yi na wiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo de, mo Agya nim eyinom nyinaa ho hia mo. Enti monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni kan na ɔde eyinom nyinaa bɛma mo.

Afei asuafo no ka kyerɛɛ Yesu se, "Kyerɛkyerɛfo, didi."

Yesu buaa wɔn se, "Mewɔ aduan a midi a munnim ho hwee."

Ɛmaa asuafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, "Obi abrɛ no aduan bi ana?"

Yesu buae se, "Mʼaduan ne meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie dwuma a ɔde maa me mimmedi no.

Ɛwɔ mu, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,

na aba nso nni bobe no so;

ɛwɔ mu, ngodua no adi huammɔ

na mfuw no mmɔ aduan.

Ɛwɔ mu, nguan biara nni buw no mu,

na anantwi nso nni ban no mu.

Nanso mʼani begye Awurade mu;

me ho bɛsɛpɛw me Onyankopɔn a

ɔyɛ mʼagyenkwa no mu.

Otumfo Awurade mʼahoɔden.

Ɔma me nan ɔforote de,

ɔma me nantew sorɔnsorɔmmea.

Wɔmfa mpae yi mma nnwonto kwankyerɛfo no. Na wɔnto no mʼasanku no so.

Seja o primeiro