Pular para o conteúdo
Publicidade

Orgulho

Por Bíblia Online

O orgulho é um dos pecados mais condenados na Bíblia. Deus resiste aos soberbos, mas dá graça aos humildes. A humildade é o caminho da honra verdadeira.

Deus resiste ao soberbo

A soberba precede a ruína e o orgulho antecede a queda. Deus abomina o coração altivo e promete humilhar quem se exalta.

Ahantan di ɔsɛe anim,

na ahomaso honhom nso di asehwe anim.

Awurade kyi koma mu ahantanfo nyinaa.

Nya saa ntease yi , wɔremfa wɔn ho nni.

Ɔkwan bi a ɛteɛ onipa ani so,

nanso awiei no, ɛkɔ owu mu.

wosuro Awurade ɛne wokyi bɔne;

mikyi ahantan ne ahomaso,

ɔbra bɔne ne nnaadaasɛm.

Ahantan ba a, animguase na edi so,

nanso ahobrɛase de nyansa ba.

Ahantan ba a, animguase na edi so,

nanso ahobrɛase de nyansa ba.

Onipa ahomaso brɛ no ase,

nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.

Onipa ahomaso brɛ no ase,

nanso nea ɔwɔ ahobrɛase no nya anuonyam.

Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,

na ahobrɛase di anuonyam anim.

Ansa na onipa bɛhwe ase no onya ahomaso koma,

na ahobrɛase di anuonyam anim.

Awurade sɛe ɔhantanni fi,

na ɔma akunafo ahye pɛpɛɛpɛ.

Humildade como caminho

Humilhai-vos diante do Senhor e Ele vos exaltará. A grandeza no Reino vem pelo serviço humilde, não pela autopromoção.

Nanso adom a Onyankopɔn dom yɛn no dɔɔso yiye. Na Kyerɛwsɛm no ka se,

"Onyankopɔn siw ahantanfo kwan,

na ɔdom ahobrɛasefo."

Mommrɛ mo ho ase mma Awurade, na ɔbɛma mo so.

Ohia Ne Ahonya

Onyankopɔn ma onua hiani so a, ɛsɛ nʼani gye, na adefo a wabrɛ wɔn ase no nso saa ara. Efisɛ, adefo no twam wuram afifide bi.

Saa ara na ɛsɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

"Onyankopɔn siw ahantanfo kwan

na ɔdom ahobrɛasefo."

Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho.

Na obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so."

Monnyɛ pɛsɛmenkominya; monnhoahoa mo ho mfa mpɛ anuonyam hunu. Mommrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho na mummu mo yɔnkonom nsen mo ankasa mo ho. Mommma obiara nhwɛ ne nko ara nʼade nko, na mmom onsusuw ne mfɛfo nso de ho bi.

Momma mo abrabɔ nyinaa nyɛ Yesu Kristo de no bi.

Os perigos do orgulho

O orgulho cega, gera contendas e afasta de Deus. A Escritura adverte contra a soberba da vida e a vã glória mundana.

Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn , biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase.

Obiara a osusuw ogyina no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase.

mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si wɔnhyew, nanso minni ɔdɔ a, minnya hwee.

Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw ɛho hia no. Eyi kyerɛ obi ntumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim.

Kyerɛwsɛm no ka se, "Obiara a ɔpɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no ade a Awurade ayɛ mu." Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu.

Ɔtoaa so se, "Nea efi onipa mu ba no na egu ne ho fi. Afei nea efi nnipa koma mu ba no, ɛde aguamammɔ, korɔn, awudi, ayefasɛm, amumɔyɛ, asisi, ahohwi, anibere, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. Saa nnebɔne yi nyinaa fi onipa mu na ɛba, na ɛno na egu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim."

Ahantan de ntɔkwaw nko ara na ɛba,

na wohu nyansa wɔn a wotie afotu mu.

Ahobrɛase ne Awuradesuro

ɛma ahonya ne anuonyam ne nkwa.

wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so.

O olhar de Deus

O Senhor não olha como o homem. Ele vê o coração e se agrada dos quebrantados de espírito e dos que tremem diante da sua Palavra.

Nanso Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, "Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na Awurade de, ɔhwɛ koma mu."

"Nkɔ so nkasa ahomaso so

anaa nka ahantan kasa,

efisɛ Awurade Onyankopɔn a onim,

na wɔfa ne so kari nneyɛe.

Ɛnyɛ me nsa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa,

na ɛma ɛbae ana?"

Awurade na ose.

"Obi a mʼani no ni:

nea ɔwɔ ahobrɛase ne ahonu honhom,

na ne ho popo mʼasɛm ho.

Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa , na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.

Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no se, "Ɛnsɛ ɔkofo kɛse a ɔrefa nʼafoa akɔ akono tu ne ho ɔkofo kɛse a wadi nkonim dedaw."

Mo ne afoforo ntena asomdwoe mu. Monnyɛ ahantan, na mmom momfa mo ho mmɔ mmɔborɔfo. Mummmu mo ho anyansafo.

Na Honhom no aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahohyɛso. Mmara biara nni a etia eyinom.

Seja o primeiro