Páscoa
A Páscoa é a celebração suprema da redenção. Do cordeiro pascal no Egito ao Cordeiro de Deus que tira o pecado do mundo, ela aponta para o sacrifício e a vitória de Cristo.
A caminhada para a cruz
Jesus entrou em Jerusalém como Rei humilde, e a multidão o aclamou. Ele sabia do sofrimento que viria, mas caminhou em obediência até o fim.
Dɔm no tu teɛe de osebɔ teɛteɛɛ mu se,
"Hosiana Dawid Ba!"
"Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba no."
"Hosiana wɔ ɔsoro nohɔ!"
Awurade, gye yɛn nkwa;
Awurade, ma yɛn nkonimdi.
Nhyira ne nea ɔnam Awurade din mu reba.
Yehyira wo fi Awurade fi.
Sion Hene Ba
Di ahurusi, Ɔbabea Sion!
Teɛ mu, Ɔbabea Yerusalem!
Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn.
Ɔteɛ na ɔwɔ nkwagye,
odwo, na ɔte afurum so,
afurum ba so na ɔte.
Wɔrekɔ no, ɔtwee nʼasuafo no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, "Yɛrekɔ Yerusalem. Wobeyi me ama asɔfo mpanyin ne kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo, na wɔabu me kumfɔ. Wɔde me bɛhyɛ Roma aban nsa, na wɔadi me ho fɛw, abɔ me asennua mu, na ne nnansa so no, mɛsɔre afi awufo mu."
A paixão de Cristo
Jesus foi zombado, açoitado e crucificado. Ele orou no Getsêmani e entregou sua vida voluntariamente, dizendo: 'Está consumado!'
Woyii Yesu atade a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no, na wɔde nsɔe atenten nwenee kyɛw hyɛɛ no, na wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempema, na wobubuu nkotodwe wɔ nʼanim fii ase bɔ gyee so, dii ne ho fɛw se, "Yudafo Hene, wo nkwa so."
Wɔkyerɛw nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi se,
"YESU, YUDAFO HENE NO NI."
Ɔkae se, "Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ."
Yesu teɛɛ mu dennen se, "Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ!" Ɔkaa eyi no, ogyaa mu.
Yesu nom wiei no, ɔkae se, "Mawie!" Ɔkaa eyi wiee no, osii ne ti ase na ogyaa ne honhom mu.
A ressurreição gloriosa
Ele não está aqui — ressuscitou! O túmulo vazio é a prova de que a morte foi derrotada e Cristo vive para sempre.
Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ mmea no se, "Munnsuro! Minim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no, nanso onni ha. Wasɔre kɔ sɛnea ɔkae no. Mommra mmɛhwɛ nea na ɔda hɔ no.
Nanso aberante no ka kyerɛɛ wɔn se, "Munnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asennua mu no na morehwehwɛ no no? Onni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no too hɔ!
Onni ha. Wasɔre! Monnkae asɛm a ɔka kyerɛɛ mo bere a na ɔwɔ Galilea no se, ‘Etwa sɛ wɔde Onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfo nsa na wɔbɔ no asennua mu na ne nnansa so wasɔre bio’ no?"
Afei osuani a oduu ɔboda no ho kan no nso wuraa mu huu saa nneɛma no ma ogye dii. Saa bere no nyinaa na asuafo baanu yi nnya ntee nea Kyerɛwsɛm aka afa Yesu wusɔre ho no ase.