Pular para o conteúdo
Publicidade

Poder de decisão

Por Bíblia Online

Deus nos deu o poder de escolher. A Bíblia mostra que nossas decisões têm consequências eternas e nos chama a escolher sabiamente — a vida, a fé e o caminho de Deus.

A responsabilidade de escolher

Escolhei hoje a quem servireis. Cada decisão molda nosso destino, e Deus nos convida a escolher o caminho da vida e da obediência.

nso mompɛ mosom Awurade a, nnɛ yi ara, monkyerɛ nea mobɛsom no. Anyame a mo agyanom somee bere a na wɔwɔ Efrate agya no na mopɛ? Anaa Amorifo a mote wɔn asase so mprempren no anyame? Na me ne me fi de, yɛbɛsom Awurade."

Yosua nso kae se, "Mubebu saa gyinae yi ho akontaa. Moaka mobɛsom Awurade."

Wobuae se, "Yiw, yebebu ho akontaa."

"Ɛno nti, mo Israelfo, mebu mo mu biara atɛn sɛnea nʼakwan te, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene! Montwe mo ho mfi mo mmarato nyinaa ho; na afei bɔne remfa mo nkɔ asehwe mu bio. Montow mfomso a moayɛ nyinaa ngu na moanya koma foforo ne honhom foforo. Adɛn nti na ɛsɛ muwu, Israelfifo? Mʼani nnye obiara wu ho, Otumfo Awurade na ose. Monsakra mo adwene na moanya nkwa!

Minim nea woayɛ. Minim wonyɛ nwini nso wonyɛ hyew. Me ne anka wobɛyɛ mu baako. Nanso esiane woyɛ boturobodwo, na wonyɛ hyew na wonyɛ nwini nti, merebɛte wo ntasu afi mʼanom.

Decisões e consequências

Deus retribuirá a cada um segundo as suas obras. As Escrituras nos alertam que a mornidão espiritual e a resistência ao Espírito têm consequências sérias.

Nea obiara ayɛ no so akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. Wɔn a wɔde boasetɔ papa de hwehwɛ anuonyam, nidi ne nea ɛmporɔw no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. Nanso wɔn a wɔyɛ pɛsɛmenkominya ne wɔn a wɔpo nokware no kodi bɔne akyi no, abufuwhyew ne amanehunu bɛba wɔn so.

"Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan.

Mommma mo koma ntutu na moanhwere mo akatua.

Ɛsɛ motɔ mo bo ase na moatumi ayɛ Onyankopɔn apɛde ama mo nsa aka nea wɔahyɛ mo ho no. Efisɛ

Kyerɛwsɛm no ka se, "Ɛrenkyɛ koraa

na nea ɛsɛ ɔba no aba;

ɔrentwentwɛn.

Na,

"Nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa,

na ɔtwe ne ho a,

me kra ani rensɔ no."

Yɛnyɛ nnipa a yɛsan yɛn akyi na yɛyera. Mmom yɛwɔ gyidi na wɔagye yɛn nkwa.

Decisão e fé

Decida com fé, entregue seus planos ao Senhor e aja com determinação. Deus guia os passos de quem se achega a Ele de coração.

Wɔbɔ ntonto de hwehwɛ nea Awurade ,

nanso ne gyinaesi biara fi Awurade.

Nhyehyɛe bebree onipa koma mu,

nanso nea Awurade no na ɛba mu.

Fa nea woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,

na wo nhyehyɛe besi yiye.

Esiane , Asafo Awurade boa me nti,

wɔrengu mʼanim ase.

Enti na mayɛ mʼanim ɔtwɛrebo,

na minim mʼanim rengu ase.

obi ɔyɛ Onyankopɔn apɛde a obehu me nkyerɛkyerɛ no fi Onyankopɔn nkyɛn anaa efi mʼankasa.

Wɔbɛyɛ me nkurɔfo, na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na mɛma wɔn koma koro na wɔayɛ wɔn ade abɔ mu, sɛnea bere biara wobesuro me, wɔn ankasa ne wɔn nkyirimma yiyedi nti.

Petro ka kyerɛɛ wɔn se, "Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo ho. Mommɛn Onyankopɔn, na ɔno nso bɛbɛn mo. Monhohoro mo nsa ho, mo nnebɔneyɛfo! Montew mo koma mu, mo a mo adwene ntanta!

Graziela Milhorance
1 pessoa deu Amém