Publicidade

A volta de Jesus

Por Bíblia Online

A volta de Jesus é uma das maiores promessas da Bíblia. Cristo prometeu que retornará em glória, e os cristãos vivem na expectativa desse dia triunfante.

A promessa do retorno

Jesus prometeu aos discípulos que voltaria. Os anjos confirmaram essa promessa na ascensão, e os apóstolos ensinaram que Ele virá com poder.

Tenaberɛ bebree mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. Na mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.

Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.

Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn, kaa , "Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio."

Deɛ ɔdi nwoma yi ho adanseɛ no ka , "Aane! Mereba ntɛm!"

Amen. Bra, Awurade Yesu!

Hwɛ! Mereba ntɛm! Mekura mʼabasobɔdeɛ mede rebɛma obiara sɛdeɛ nʼadwumayɛ teɛ.

Os sinais e o momento

Ninguém sabe o dia nem a hora. Jesus alertou sobre falsos sinais e nos chamou à vigilância constante, pois Ele virá como ladrão na noite.

"Nanso, ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne Onyankopɔn Ba no mpo nnim. Agya no nko na ɔnim. Onipa Ba no ba a ɔbɛba no bɛyɛ sɛdeɛ Noa berɛ so ɛyɛeɛ no ara . Na sɛdeɛ nna a ɛdi nsuyire no anim no, nnipa didiiɛ, na wɔnomeeɛ, warewareeɛ, de kɔsii ɛda a Noa kɔɔ ɛhyɛn no mu, na nnipa annye deɛ ɛbɛba anni, kɔsii nsuyire bɛfaa wɔn nyinaa kɔeɛ no, saa ara na Onipa Ba no ba a ɔbɛsane aba no bɛyɛ.

"Nanso ɛda anaa dɔn ko a awieeɛ no bɛba deɛ, obiara nnim. Ɔsoro abɔfoɔ ne mʼankasa mpo nnim. Agya no nko ara na ɔnim.

Monsiesie Mo Ho Mma Awurade Mmaeɛ

Anuanom, ɛho nhia mɛtwerɛ akyerɛ mo nna ne ɛberɛ a saa nsɛm yi bɛsisi. Ɛfiri , mo ankasa monim yie ɛda a Awurade bɛba no bɛyɛ ɔkorɔmfoɔ a ɔreba anadwo. Ɛberɛ a nnipa bɛka , "biribiara asomdwoeɛ" no, saa ɛberɛ no na adesɛeɛ bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nnwane. Ɛbɛyɛ te yea a ɛba ɔpemfoɔ a ɔrewoɔ so no.

"Enti, monwɛn ɛfiri , monnim da ko a Awurade bɛba. Sɛdeɛ onipa tumi wɛn de ne ho ban firi akorɔmfoɔ ho no, saa ara na ɛwɔ mosiesie mo ho, ɛfiri Onipa Ba no bɛba ɛberɛ a mo ani nna so ɔbɛba.

Nneɛma A Ɛdi Kristo Mmaeɛ Anim

Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom, mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no . Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi. Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka ɔno ne Onyankopɔn.

A glória da segunda vinda

Cristo voltará nas nuvens, com poder e grande glória. Os mortos em Cristo ressuscitarão, e os vivos serão arrebatados para encontrá-lo nos ares.

Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano den, ɔbɔfoɔ panin nteamu ne Onyankopɔn totorobɛnto nnyegyeeɛ firi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu Kristo mu no bɛsɔre kane, na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase ɛberɛ no ne wɔn a wɔasɔre no ano omununkum mu ahyia Awurade ewiem. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa.

"Ahohia no akyi no,

" owia bɛduru sum,

na ɔsrane renhyerɛn,

na nsoromma bɛtete ahwe,

na wɔbɛwoso tumi a ɛwɔ ewiem no.

"Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano.

Atemmuo Da No

"Na Onipa Ba no ba nʼanimuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, saa ɛberɛ no na ɔbɛtena nʼanimuonyam ahennwa no so. Na wɔbɛboaboa aman nyinaa ano nʼanim. Na ɔbɛpa nnipa no mu sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ pa nnwan firi mpɔnkye mu; na ɔde nnwan no bɛgyina ne nifa so, na ɔde mpɔnkye no agyina ne benkum so.

Ahene Mu Ɔhene

Afei, mehunuu ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa . Na deɛ ɔte ne so no edin de "Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ." Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko. Nʼaniwa te ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho. Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne "Onyankopɔn Asɛm" Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. Akofena a ano nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo. Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho :

ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.

Na deɛ nʼani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso, da a me, Kristo bɛba me ne Agya no ne abɔfoɔ kronkron no animuonyam mu no, mʼani bɛwu ne ho.

Vivendo na expectativa

A certeza do retorno de Cristo nos chama a viver em santidade, aguardando novos céus e nova terra onde habita a justiça.

Nanso, anuanom, mommma mo werɛ mfiri adeɛ baako Awurade ani so deɛ, nsonsonoeɛ nni da koro ne mfeɛ apem ntam. Ne fam deɛ, ne mmienu nyinaa . Awurade ntwentwɛn ne nan ase ne a wahyɛ ho sɛdeɛ ebinom dwene no. Mmom, ɔwɔ mo ho boasetɔ ɛfiri , ɔmpɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom, ɔpɛ obiara sakra firi ne bɔne ho.

Na Awurade da no bɛba owifoɔ. Ɛda no, ɔsoro bɛbobom na ayera na ewiem nneɛma bɛhye na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

saa ɛkwan yi so na wɔbɛfa asɛe adeɛ nyinaa a, na ɛdeɛn bra na ɛsɛ wobɔ? Ɛsɛ mo bra kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; saa da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu ogya na ewiem nneɛma anane na ayera ogyaframa mu no. Nanso, yɛtwɛn deɛ Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho no, ɔsoro foforɔ ne asase foforɔ a ɛhɔ na tenenee bɛtena.

Ɛsɛ obiara wu prɛko , na ɛno akyi Onyankopɔn abu no atɛn. Saa ara na wɔde Kristo nso bɔɔ afɔdeɛ baako de gyee dodoɔ no ara wɔn bɔne mu. Ɔbɛba ne mprenu so a ɔmmɛgye nnebɔneyɛfoɔ na mmom, ɔbɛba abɛgye wɔn a wɔretwɛn no no nkwa.

Seja o primeiro
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-