Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Petro 1:13-16

WAKNA Akuapem Twi Bíblia Contemporânea

13 Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so. 15 Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16 Kyerɛwsɛm no ka se, "Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron."

Em outras traduções

  1. WASNA Bíblia Contemporânea Asante Twi

    13 Enti, monsi mo adwene pi na monni mo ho so. Monnyina yie ma momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo wɔ Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. 14 Montie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a ɛdii mo so ɛberɛ a na monnim no nni mo so. 15 Na mmom, monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. 16 Atwerɛsɛm no aka sɛ, "Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, ɛfiri sɛ, meyɛ kronkron."

Direitos das traduções citadas

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.