23 Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. 24 Kyerɛwsɛm no ka se,
"Nnipa nyinaa te sɛ sare;
na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren.
Sare no wu ma ne nhwiren no po,
25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa."
Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.