Anidaso
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim, 4 enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo, efisɛ hɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso.