Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Pedro 1

6 Ɛwɔ mu ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. 7 Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu mo gyidi no kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya hwɛ, enti ɛsɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. 8 Ɛwɔ mu munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so, 9 efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no.

Veja também