Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Pedro 3

Ɔyerenom Ne Okununom

1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia mobɛka biribi, 2 efisɛ wobehu obu ne nidi a mode ma Onyankopɔn mo suban mu. 3 Mommfa nneɛma foforo bi nkeka mo ho mma mo ho nyɛ ; ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinne a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura. 4 Momfa odwo ne ahobrɛase nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamtew no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5 Saa ɔkwan yi so na mmea agyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. 6 Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no "Me wura." Mprempren moyɛ papa na munsuro hwee a moyɛ ne mmabea.

7 Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ modwene mo yerenom ho mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu wɔne mo adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan.

Papayɛ So Amanehunu

8 Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase. 9 Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso ntua ɔyaw so ka. Na mmom, daa munhyirahyira, efisɛ ɛno nti na wɔfrɛɛ mo, na moanya nhyira. 10 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se,

"Obiara a ɔpɛ ɔtena ase yiye

na ohu nna pa no,

ɛnsɛ ɔka kasa bɔne,

na ɛsɛ ogyae atorotwa.

11 Ɛsɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa

na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi.

12 Efisɛ Awurade ani atreneefo so

na otie wɔn mpaebɔ

na otia wɔn a wɔyɛ bɔne."

13 wopere wopɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? 14 Na ɛba mpo woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo. 15 Momfa nidi mma Kristo mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase. 16 Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa Kristo mu no ho no anim begu ase wɔn nseku no ho. 17 Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn mubehu amane a, eye mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen mobɛyɛ bɔne. 18 Efisɛ Kristo no ankasa wu maa mo. Owui pɛnkoro maa mo bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, nanso ɔsɔree honhom mu, 19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. 20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa, 21 na saa nsu yi asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. 22 Kristo ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene.

Veja também