Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Timóteo 5

1 Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa mmabun, 2 mmea mpanyimfo wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn wo nuabeanom kronkronyɛ mu.

3 Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho. 4 okunafo bi mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. 5 Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia. 6 Nanso okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. 7 Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso. 8 Na obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no.

9 Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne , ɛsɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware, 10 na afei wagye din nneyɛe pa ho. Ɛsɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa.

11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ ɛba wɔpɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho 12 na ɛma wodi wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so. 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere afi mu na nea enye koraa ne wodi nseku pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ wɔka. 14 Enti me ne , akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. 15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw.

16 ɔbea gyidini bi akunafo nʼabusua mu a, ɛsɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no.

Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yiye

17 Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. 18 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, "Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!" Bio, "Odwumayɛni akatua fata no!" 19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim bagua mu na abɔ afoforo hu. 21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu.

22 Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo ho. kronn.

23 Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi.

24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn atemmu mu, nanso afoforo bi a wɔn bɔne da adi akyiri no. 25 Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw.

Veja também