Pular para o conteúdo
Publicidade

1 Tessalonicenses 2

Paulo Adwumayɛ Tesalonika

1 Anuanom, mo ankasa munim sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. 2 Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn Tesalonika no. Ɛwɔ mu na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. 3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no nokware turodoo. 4 Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn yɛnka. Yɛmpɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ yɛsɔ. 5 Munim pefee yɛamma ha yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni. 6 moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ. 7 Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma. 8 Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so yɛde yɛn nkwa bɛto ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. 9 Anuanom, minim mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. 10 Mo ne Onyankopɔn yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no kronkron a eye na mfomso biara nni ho. 11 Mo ara munim yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena. 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo montena ase ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so.

13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn adwuma mo mu. 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a 15 wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara. 16 Wɔbɔ mmɔden wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔn so.

Paulo Ɔkɔsra Wɔn Bio

17 Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara yebehyia mo ankasa. 18 Yɛpɛɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ meba boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan. 19 Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana? 20 Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so.

Veja também

1 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 1 Tessalonicenses