Awurade Ba No
13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. 14 Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba.