16 Momma mo ani nnye da biara 17 na bere biara nso, mommɔ mpae; 18 biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu.
19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; 20 munnsi adiyisɛm atwetwe. 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye. 22 Na munkyi bɔne biara.
23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ.