23 Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. 24 Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. 25 Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. 26 Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. 28 Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me nsɛnhia. 29 Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a ɛma me werɛ how.
30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu.