Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 11

Paulo Ne Atoro Asomafo

1 Mewɔ anidaso , meyɛ nkwaseade koraa a mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. 2 Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote ɔbabun a mahyɛ ɔbarima baako bi a ɔno ne Kristo no mede mo bɛma no aware. 3 Misuro wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no. 4 Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di.

5 Minnye nni meyɛ "Asomafo" no mu abomfiaa. 6 Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Yɛnam akwannuasa so akyerɛ mo eyi ase fann. 7 Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne meyɛɛ saa ana? 8 Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka. 9 Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwa mu no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. 10 Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ Helaman mu da. 11 Adɛn nti na meka saa? Efisɛ mennɔ mo ana? Onyankopɔn nim medɔ mo.

12 Mɛkɔ so adi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa "asomafo" no rennya kwan nhoahoa wɔn ho dwuma a wodi no te yɛn dwuma a yedi no ara . 13 Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn wɔyɛ Kristo asomafo. 14 Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan hann. 15 Enti ɛnyɛ nwonwa nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ.

Paulo Hoahoa Ne Ho

16 Miti mu ka bio se: Ɛnsɛ obiara susuw meyɛ ɔkwasea. mususuw saa a, ɛno de munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so atumi ahoahoa me ho. 17 Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa ɔkwasea. 18 Nanso esiane nnipa bebree hoahoa wɔn ho nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa. 19 Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo. 20 Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo afiri anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so. 21 Mede fɛre gye eyi to mu yɛyɛ mmerɛw dodo eyi mu.

obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho dekode no ho bi. 22 Wɔyɛ Hebrifo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo ana? Me nso meyɛ bi. 23 Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. 24 Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. 25 Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. 26 Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. 28 Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm me nsɛnhia. 29 obi mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. obi ka ɔfoforo bɔne mu a ɛma me werɛ how.

30 mehoahoa me ho a, na ɛsɛ mehoahoa me ho nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu. 31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ yɛkamfo no no nim merentwa nkontompo. 32 Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛɛ wɔkyere me. 33 Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam.

Veja também