Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 13

Kɔkɔbɔ A Etwa To

1 Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, "Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ wɔfa." 2 Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn, 3 efisɛ mopɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi mo mu. 4 Ɛwɔ mu mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no nti, yɛne no bɛtena Onyankopɔn tumi mu.

5 Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ mote ase gyidi mu ana. Munim yiye Kristo Yesu te mo mu ana? ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ moantumi sɔhwɛ no. 6 Minim yiye mubehu yɛanni nkogu. 7 Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ nnipa behu yɛwɔ tumi bi mo so. Mpo wohu yɛn yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim. 8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ yegyina ma no. 9 yehu yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae mobɛyɛ . 10 Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, meba a merennyina tumi a Awurade de ama me memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so.

11 Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.

12 Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

13 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo.

14 Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.

Veja também