Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 2

1 Enti meyɛɛ mʼadwene meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow. 2 mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana? 3 Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye , me ho me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. 4 Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa.

Bɔne Fafiri

5 obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ me nsa den saa onipa no so. 6 Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no. 7 Ɛsɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so. 8 Mesrɛ mo, momma onhu mopɛ nʼasɛm pa ara.

Hena Na Oye Ma Saa Dwumadi Yi?

9 Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne : Mepɛ mihu moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana. 10 obi bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. ɛho hia mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa Kristo anim 11 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii.

12 Bere a miduu Troa kɔkaa Kristo ho Asɛmpa no, mihuu Awurade ama adwuma no ho kwan . 13 Nanso me werɛ howee, efisɛ na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ no na misii mu kɔɔ Makedonia.

14 Yɛda Onyankopɔn ase daa odi yɛn kan yɛn anigye ne nkonimdi santen Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu. 15 Yɛyɛ Kristo aduhuam wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn. 16 Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no de, ɛyɛ hua a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim? 17 Yɛnte nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm adetɔnnne bi, na esiane Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware nʼanim Kristo asomfo.

Veja também