7 Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. 8 Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw. 9 Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. 10 Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. 11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu.