Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 5

1 Yenim yewu na yegyaw saa nipadua yi a yebenya nipadua foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena daa ɔsoro . 2 Mprempren, yesi apini wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho, 3 efisɛ wɔde kata yɛn ho a yɛn ho renna bio. 4 Na yɛwɔ saa ɔhonam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ yɛmpɛ yegyaw nipadua no, na mmom yɛpɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no. 5 Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyinade.

6 Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware. 7 Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so. 8 Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn yebetu afi yɛn fi saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi. 9 yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ yɛsɔ nʼani sen biribiara. 10 Efisɛ ɛsɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase nipadua no abrabɔ mu no, ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn.

Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa

11 Efisɛ yenim sɛnea yesuro Awurade nti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso munim me nso mo koma mu. 12 Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde nnipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. 13 yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso yɛn adwene mu da a, eye ma mo yiyedi. 14 Afei a yɛahu onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo a ɔde yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ nnipa nyinaa ne wu no mu kyɛfa bi. 15 Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no.

16 Enti ɛnsɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio. 17 obi Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba. 18 Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforo ntam mpata dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 19 Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne , Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoe asɛnka ho dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. 20 Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo , momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. 21 Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo Onyankopɔn anim.

Veja também