Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Coríntios 8

Ayamye

1 Anuanom, yɛpɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ Makedonia asafo ahorow no mu. 2 Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe. 3 Midi ho adanse wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fii wɔn mu 4 srɛɛ yɛn yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi. 5 Wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei wofi Onyankopɔn mu de wɔn ho maa yɛn nso. 6 Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. 7 Moyɛ adefo nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo moboa ne ɔdɔ a mode yɛn mu. Enti yɛpɛ mode ahofama som ɔdɔ mu.

8 Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ mede mo a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ mo no ɔdɔ kann ana. 9 Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo . Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo.

10 Mʼadwene a mewɔ asɛm no ho ni: Afe a etwaa mu no, mo na mudii kan fii mo mu yɛɛ ayɛ. 11 Monkɔ so na munnwie dwuma no di. Mommma mo ho mpere mo mubewie sɛnea mususuwii mobɛyɛ no. 12 wo ho pere wo wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so.

13 Merennye nkurɔfo nnesoa mmegu mo so na mmom, esiane mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ moboa wɔn a wonni bi no. 14 Na ɛba biribi ho hia mo na wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa . 15 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, "Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya ammoro so, na nea ɔboaboaa kakraa bi ano no nyaa nea ɛbɛso no."

16 Yɛda Onyankopɔn ase wama anigye a mewɔ mo ho no bi awura Tito koma mu. 17 Ɛnyɛ ɔpenee yɛn abisade so nko, na mmom ɔno ankasa fii ne mu pɛɛ ɔboa nti na osii nʼadwene pi ɔbɛba mo nkyɛn no. 18 Yɛresoma onua bi a wobu no asafo ahorow no nyinaa mu asɛnka adwuma no ho aka ne ho. 19 Ɛno akyi no, asafo ahorow no ayi onua yi ɔne yɛn ntutu akwan mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi, na yɛmfa nkyerɛ nso yɛpɛ yɛboa. 20 Yɛhwɛ yɛn ho so yiye asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho. 21 Yɛn botae ne yɛbɛyɛ nea eye Awurade ne nnipa anim.

22 Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ akwan ahorow bebree so na yɛahu ɛyɛ ne ɔboa. Na mprempren ne ho pere no ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso. 23 Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me adwuma de boa mo, na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam. 24 Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nokware.

Veja também