Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Pedro 3

Awurade Ba A Ɔbɛba Bio No

1 Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene. 2 Mepɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.

3 Nea edi kan no, ɛsɛ mote ase nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw 4 aka se, "Ɔhyɛɛ mo se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te nea ɛte fi adebɔ mfiase!" 5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no , efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase. 6 Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no. 7 Nanso Onyankopɔn ahyɛ ɔsoro ne asase ntena nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya mu de asɛe nnebɔneyɛfo.

8 Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa . 9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase ne a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.

10 Na Awurade da no bɛba ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.

11 Na saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ wobɔ? Ɛsɛ mo bra kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera ogyaframa mu no. 13 Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena.

14 Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho Onyankopɔn anim na mo ne no atena asomdwoe mu. 15 Monkae nhu Awurade ntoboase efisɛ ɔpɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no. 16 Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.

17 Nanso anuanom, esiane wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa . 18 Munyin yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu.

Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.

Veja também

2 Pedro
Ver todos os capítulos de 2 Pedro