Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Timóteo 4

Paulo Afotu

1 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo , 2 ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu. 3 Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. 4 Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm. 5 Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani amanehunu mu. ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa Onyankopɔn somfo.

6 Wogu so rehwie me afɔre ahwiesa, na bere abɛn migyaw asetena yi. 7 Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. 8 Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa.

Nkyerɛkyerɛ A Etwa To

9 mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10 Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔne me ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no . 12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. 13 woreba a, fa mʼatade a migyaw Karpo nkyɛn Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no.

14 Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka. 15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen.

16 Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn. 17 Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom. 18 Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen.

Nkradi

19 Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me.

20 Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo Mileto, efisɛ na ɔyare. 21 mmɔden bra ansa na awɔwbere adu.

Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.

22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.

Veja também

2 Timóteo
Ver todos os capítulos de 2 Timóteo