Pular para o conteúdo
Publicidade

2 Tessalonicenses 3

Mommɔ Mpae Mma Yɛn

1 Anuanom, asɛm a etwa to ne mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm te sɛnea ɛyɛɛ mo mu no. 2 Afei mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. 3 Nanso Awurade ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. 4 Awurade ama yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo monyɛ no. 5 Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma Onyankopɔn, ne abodwokyɛre Kristo.

Anihaw Ho Kɔkɔbɔ

6 Anuanom, yɛhyɛ mo Awurade Yesu Kristo din mu , montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a wɔahyɛ ama wɔn no so no ho. 7 Mo ankasa munim pefee , ɛsɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. 8 Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneennen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. 9 Eyi nkyerɛ na yenni ho kwan yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. 10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, "Obiara a ɔmpɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ wɔma odidi."

11 Yɛka saa asɛm yi, efisɛ yɛte mo mu bi anihawfo a wɔnyɛ hwee wɔnenam nkurɔfo nnwuma so. 12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, wɔn kɔkɔ wɔmmɔ ɔbra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhama. 13 Anuanom munnnyae papayɛ da.

14 Obi a ɔrentie nhoma a yɛakyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na nʼani nwu. 15 Nanso mommfa saa onipa no ɔyɛ ɔtamfo na mmom mommɔ no kɔkɔ mo nua.

16 Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17 Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa ɔkwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

Veja também

2 Tessalonicenses
Ver todos os capítulos de 2 Tessalonicenses