Pular para o conteúdo
Publicidade

3 João 1

1 Me, Asɔre panyin,

Mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.

2 Mʼadamfo pa, mebɔ mpae biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim wowɔ ahoɔden honhom fa mu no. 3 Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kura nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye. 4 Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn mɛte me mma no te nokware mu.

5 Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho wɔyɛ ahɔho mpo. 6 Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani. 7 Efisɛ wɔretu wɔn kwan Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn. 8 Yɛn Kristofo na ɛsɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.

Diotrefe

9 Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no. 10 meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.

11 Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn ɛ. 12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa, na munim nea yɛka no nokware.

13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka. 14 Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa.

15 Asomdwoe nka mo.

Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.

Veja também

3 João
Ver todos os capítulos de 3 João