10 Awurade da no,1.10 Da a edi nnaawɔtwe no kan no kasakoa mu ne no. Wɔfrɛɛ da no saa, efisɛ saa da no na Yesu sɔre fii awufo mu. Saa da no ara nso na Kristofo hyiae (Hwɛ Aso 20.7) na wogyigyee tow (Hwɛ 1 Ko 16.2). Honhom no faa me na metee nne dennen bi a ɛte sɛ torobɛnto a ɛrebɔ wɔ mʼakyi. 11 Ɛkae se, "Kyerɛw biribiara a wuhu, na fa nhoma no kɔma saa asafo ahorow ason a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no."