9 Wɔtow ɔwɔ kakraka no kyenee. Ɔno ne ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam a ɔdaadaa wiase nyinaa no. Wɔtow ɔno ne nʼabɔfo nyinaa guu asase so.
10 Afei metee nne dennen bi wɔ ɔsoro a ɛka se,
"Afei na Onyankopɔn nkwagye aba!
Afei na Onyankopɔn akyerɛ ne tumi sɛ ɔyɛ Ɔhene!
Afei na nʼAgyenkwa no akyerɛ ne tumi,
efisɛ yɛn nuanom no ahohorabɔni a
ogyinaa Onyankopɔn anim bɔɔ wɔn ahohora awia ne anadwo no,
wɔapam no afi ɔsoro.