Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 13

Mmoa Abien Bi

1 Afei mihuu aboa bi apue fi po no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so na din a egu Onyankopɔn ho fi bobɔ ti no ho. 2 Aboa a mihuu no no, na ɔte ɔsebɔ a ne nan te sisi, na nʼano nso te gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ahoɔden ne nʼahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no. 3 Mihuu na opirakuru kɛse bi aba ne ti baako ho a kuru no ayɛ nea awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii nʼakyi. 4 Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, "Hena na ɔte aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?"

5 Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa abususɛm akɛseakɛse tiaa Onyankopɔn, na wɔmaa no tumi ɔnyɛ nea ɔpɛ biara asram aduanan abien. 6 Ofii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte ɔsoro nyinaa. 7 Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe obedi wɔn so. Na wɔmaa no aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa so tumi. 8 Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no: obiara a wɔankyerɛw ne din anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguamma a wokum no ansa na wɔrebɔ wiase no mu.

9 "Tie, wo a wowɔ aso, betie no.

10 "Obiara a ɛsɛ wɔkyere no no,

wɔbɛkyere no.

Obiara a ɛsɛ wokum no afoa ano no,

wobekum no."

Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.

11 Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te nguantenmma, nanso na ɔkasa te ɔwɔ no. 12 Osii aboa a odi kan no anan mu de ne tumi kɛse no dii dwuma, na ɔhyɛɛ asase ne so nnipa wɔnsom nea nʼapirakuru no awu no. 13 Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fii soro baa asase so nnipa nyinaa anim. 14 Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde afoa piraa no nanso nʼapirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. 15 Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan honi no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no. 16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse; adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. 17 Obiara nni ho kwan ɔtɔ anaa ɔtɔn, gye wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina ma din no hyɛ ne ho agyirae.

18 Eyi hia ma nyansa. Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina ma aboa no ase, efisɛ nsɛnkyerɛnne no gyina ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne ahansia aduosia asia.

Veja também