Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 14

Dwom Foforo

1 Afei mehwɛe, na mihuu Oguamma no gyina Sion bepɔw so. Na nnipa mpem ɔha aduanan anan ka ne ho a wɔakyerɛw ne din ne nʼAgya din wɔn moma so. 2 Na metee nne bi fii ɔsoro a na ɛworo so te asuworoe a ano den, na ɛte aprannaa. Nne a metee no te dwom a sankubɔfo bi rebɔ ne sanku so. 3 Wɔtoo dwom foforo bi ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no anim. Nnipa mpem ɔha aduanan anan a wɔagye wɔn afi asase so no nko ara na wotumi suae. 4 Wɔyɛ mmarima bi a wɔamfa mmea angu wɔn ho fi, na wɔyɛ mmabun. Baabiara a Oguamma no bɛkɔ no na wodi nʼakyi. Wɔagye wɔn nkwa afi nnipa mu na wɔne nnipa a wodi kan a wɔde wɔn ama Onyankopɔn ne Oguamma no. 5 Wɔnka atosɛm, na mfomso nni wɔn ho.

Abɔfo Baasa No

6 Afei mihuu ɔbɔfo foforo watu nam sorosoro a ɔrekɔka asɛmpa a entwa mu da no akyerɛ asase so nnipa a aman ne mmusuakuw ne ɔkasa ne nkurɔfo nyinaa ka ho. 7 Ɔteɛɛ mu se, "Munsuro Onyankopɔn na monkamfo ne kɛseyɛ. Efisɛ bere no adu obu adesamma atɛn. Monsom nea ɔbɔɔ ɔsoro, asase, po ne asuti no!"

8 Ɔbɔfo a ɔto so abien dii nea odi kan no akyi kae se. "Wahwe ase! Babilonia kɛse ahwe ase! Efisɛ wama amanaman nyinaa anom nʼaguamammɔ nsa no bi."

9 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa a odi baanu a wodi kan no akyi no teɛɛ mu kae se, "Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso honi a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyirae 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsa, nʼabufuw nsa a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuw kuruwa mu no. Wɔbɛhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa ahoyeraw ogya ne sufre mu abɔfo ne Oguamma no anim. 11 Na ogya no wusiw a ɛhyɛ wɔn ahoyeraw no soro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegye nni ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso honi ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyirae no." 12 Eyi nti na ɛsɛ Onyankopɔn nkurɔfo ne wɔn a wodi Onyankopɔn mmara so, na wogye Yesu di no nya boasetɔ no.

13 Afei metee nne bi fii ɔsoro a ɛkae se, "Kyerɛw eyi. Nhyira ne awufo a wowu Awurade mu fi mprempren rekɔ yi."

Honhom no se, "Yiw, wɔbɛhome afi wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi."

14 Mihuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛw hyɛ no na okura kantankrankyi nnamnam bi ne nsam. 15 Afei ɔbɔfo foforo bi a ofii asɔredan no mu puei, na ɔteɛɛ mu kyerɛɛ nea ɔte omununkum no so no se, "Fa wo kantankrankyi no twa, efisɛ otwabere no adu, asase no asow aba a ɛsɛ wotwa!" 16 Enti nea ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so ma etwaa asase so nnɔbae.

17 Afei mihuu ɔbɔfo foforo bi a ofi ɔsoro asɔredan no mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnam bi. 18 Ɔbɔfo foforo bi a ɔno nso hwɛ ogya no so no fi afɔremuka no mu puei. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ ɔbɔfo a okura kantankrankyi nnamnam no se, "Fa wo kantankrankyi nnamnam no na boaboa asase so bobe akuwakuw no ano, efisɛ nʼaba no abere." 19 Enti ɔbɔfo no hwim ne kantankrankyi no asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde koguu Onyankopɔn abufuw nsakyiamoa kɛse no mu. 20 Wotiatiaa bobe no so nsakyiamoa a ɛwɔ kuropɔn no mfikyiri, na mogya fii bobe no mu sen asubɔnten, akwansin ahannu na mu nso bɛyɛ anammɔn anum.

Veja também