Pular para o conteúdo
Publicidade

Adiyisɛm 16

Onyankopɔn Abufuw Ason No

1 Afei metee nne bi ɛrekasa fi asɔredan mu kyerɛ abɔfo no se, "Monkohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason no mu no ngu asase so."

2 Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa mu abufuw no guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso honi no nso.

3 Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa mu abufuw guu po mu. Nsu no dan owufo mogya, na abɔde biara a nkwa mu po no mu no wui.

4 Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu nsubɔnten ne nsuwa mu maa ne nyinaa dan mogya. 5 Metee ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no reka se,

"Wʼatɛn a wubu no atɛntrenee.

Ɔkronkronni a wowɔ na wowɔ ha dedaw,

6 efisɛ wɔahwie mo ahotefo ne adiyifo mogya agu,

woama wɔn mogya wɔnnom, sɛnea ɛfata wɔn."

7 Afei metee nne bi afɔremuka no so se,

"Yiw, Awurade, Otumfo Nyankopɔn,

atɛn a wubu nyinaa atɛntrenee!"

8 Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu owia so na wɔmaa no tumi ɔnhye nnipa. 9 Owia hyew no anoden maa nnipa domee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔansakra wɔn adwene anhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu aboa no ahengua no so. Sum duruu aboa no ahemman mu, na esiane ɔyaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma; 11 na esiane saa ɔyaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa mu abufuw no guu Asubɔnten Eufrate mu. Asu no yow dan ɔkwan maa ahemfo a wofi apuei no. 13 Afei mihuu ahonhommɔne abiɛsa bi a na wɔte mpɔtorɔ a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro diyifo no anom. 14 Wɔyɛ ahonhommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahonhom abiɛsa yi ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfo Nyankopɔn ɔko da kɛse no.

15 "Muntie! Mereba te ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, sɛnea ɔrennantew adagyaw ngu ne ho anim ase bagua mu!"

16 Ahonhom no boaa ahene no ano baabi a Hebri kasa mu no wɔfrɛ Armagedon.

17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu abufuw guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no so kae se, "Wɔawie." 18 Na anyinam twitwa maa aprannaa paapaee, na asasewosow dennen bi bae. Efii wɔbɔɔ onipa no, asasewosow biara mmaa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano den pa ara. 19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilonia Kokuroko no, na ɔmaa no nsa nomee; nsa a ɛyɛ nʼabufuw a ano den no fi ne kuruwa ano. 20 Asupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21 Mparuwbo akɛse a biara mu duru kilogram aduonum fii ɔsoro guu nnipa so. Na esiane mparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.

Veja também