Ahene Mu Hene
11 Afei mihuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de "Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafo." Nokware na ogyina so bu atɛn na ɔko ne ko. 12 Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛredɛw na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim din no nkyerɛase ka ne ho. 13 Na ɔhyɛ atade bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne "Onyankopɔn Asɛm" 14 Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi. 15 Afoa a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so no fii nʼanom bae. Dade pema na ɔde bedi wɔn so. Sɛnea wotiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamoa mu no so no, saa ara na obetiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Tumfo no abufuw. 16 Na wɔakyerɛw din agu nʼatade mu ne ne srɛ ho se,
Ahene mu Hene ne Awuranom mu Awurade.