Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 21

Ɔsoro Foforo Ne Asase Foforo

1 Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni bio. 2 Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo efi Onyankopɔn ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te ayeforo a ɔrekohyia ne kunu. 3 Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, "Afei, Onyankopɔn atenae nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn. 4 Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni bio. Na kan nneɛma no atwa mu."

Veja também