Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 21

10 Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn , resian aba fam. 11 Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew ahwehwɛ. 12 Na ne fasu no ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din. 13 Apon abiɛsa apuei; abiɛsa anafo; abiɛsa atifi na abiɛsa atɔe. 14 Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din so no so.

Veja também