Sardi Asafo No Nhoma
1 "Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ asafo a ɛwɔ Sardi no se:
Eyi ne asɛm a efi nea ɔwɔ Onyankopɔn ahonhom ason ne nsoromma ason no nkyɛn.
Minim nea woreyɛ. Minim sɛ woagye din sɛ wote ase, nanso woawu. 2 Enti nyan, na kanyan nea aka wɔ wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ mahu sɛ nea woayɛ no nnya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim ɛ.