Pular para o conteúdo
Publicidade

Apocalipse 4

Ɔsoro Pon A Wɔabue

1 Eyi akyi no, mehwɛ huu ɔpon a abue ɔsoro. Na nne bi akasa akyerɛ me pɛn na nnyigyei a ɛte torobɛnto no kae se, "Foro bra ha, na mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ esi eyi akyi." 2 Prɛko , na Honhom no faa me. Na ahengua bi si ɔsoro a obi te so. 3 Na nʼanim hyerɛn te ahwehwɛbo ne bogyanambo. Na nyankontɔn a ɛte ahabammonobo atwa ahengua no ho ahyia. 4 Na ahengua nketewa aduonu anan atwa ahengua kɛse no ho ahyia a mpanyimfo aduonu anan na wɔtete so a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw. 5 Na anyinam ne aprannaa bobɔ mu fi ahengua no mu. Na akanea ason a wɔasosɔ redɛw ahengua no anim. Eyinom Onyankopɔn ahonhom ason. 6 Na biribi te ahwehwɛ po a ɛyɛ kurunnyenn ahwehwɛ da ahengua no anim.

Mfimfini na ateasefo baanan a ani tuatua wɔn anim ne wɔn akyi na wɔatwa ahengua no ho ahyia . 7 Na ɔteasefo a odi kan no te gyata; nea ɔto so abien no te nantwi ba; nea ɔto so abiɛsa no anim te onipa; na nea ɔto so anan no te ɔkɔre a ɔretu. 8 Na ateasefo baanan no mu biara ntaban asia a ani tuatua akyi ne anim nyinaa. Anadwo ne awia nyinaa na wɔto dwom se,

"Kronkron, Kronkron

ne Awurade Nyankopɔn Tumfo a

ɔtenaa na ɔwɔ na ɔrebɛba no."

9 Saa ateasefo baanan no to nnwom de hyɛ nea ɔte ahengua no so a ɔte daa daa no anuonyam, de ma no nidi, da no ase. wɔyɛ saa a, 10 mpanyimfo aduonu anan no butubutuw nea ɔte ahengua no so no anim som nea ɔte daa daa no. Wɔtow wɔn ahenkyɛw gu ahengua no anim ka se:

11 "Yɛn Awurade ne Nyankopɔn,

wofata wunya anuonyam, nidi ne tumi,

efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa,

na wo mu nti na wɔte ."

Veja também