Nkwa Dedaw Ne Nkwa Foforo
5 Munyi wiase akɔnnɔ te sɛ aguamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibere a ɛyɛ abosonsom no mfi mo abrabɔ mu. 6 Eyinom nti Onyankopɔn abufuw reba. 7 Bere bi a atwam no, esiane mo akɔnnɔ nti na mobɔ saa bra yi. 8 Afei munnyae saa nneyɛe yi nyinaa: abufuw, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeyaw obi anaa mommma kasa a ɛho ntew mmfi mo anom. 9 Munnnidi atoro nkyerɛ mo ho mo ho, efisɛ moatow nipadua dedaw ne ne su no akyene