Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 10

Daniel Hu Ɔbɔfo Anisoadehu Mu

1 Persiahene Kores adedi afe a ɛto so abiɛsa mu no, woyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no nokware, na ɛfa ɔko kɛse bi ho. Onyaa nkra no nkyerɛase anisoadehu mu.

2 Saa bere no, me, Daniel, midii awerɛhow nnaawɔtwe abiɛsa. 3 Manni aduan pa biara. Nam anaa nsa biara anka mʼano, na mamfa sradehuam ansra kosii nnaawɔtwe abiɛsa no awiei.

4 Ɔsram a edi kan no, da a ɛto so aduonu anan, bere a migyina asubɔnten kɛse Tigris konkɔn so no, 5 memaa mʼani so na mihuu ɔbarima bi a ofura nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ ankasa abɔso a efi Ufas nʼasen mu. 6 Ne nipadua no te aboɔdemmo. Nʼanim te anyinam, nʼani te ogyatɛn a ɛredɛw, ne nsa ne nʼanan te ayowa a wɔabere ho hyerɛnn, na ne nne nso te nnipakuw nnyigyei.

7 Me, Daniel nko ara na minyaa saa anisoadehu no; nnipa a na wɔka me ho no anhu hwee. Ehu kɛse bi bɔɔ wɔn ma wuguan kohintawee. 8 Enti ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehu kɛse yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim hoaee; afei na minni ɔboafo biara. 9 Na metee ɔrekasa; na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butuw fam.

10 Nsa bi soo me mu, maa me a me nsa ne me kotodwe rewosow biribiribiri no so. 11 Ɔkae se, "Daniel, wo a wobu wo yiye, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wo nkyɛn." Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopo sɔree.

12 Afei ɔkɔɔ so kae se, "Nsuro, Daniel. Efi da a edi kan a wopɛɛ wote anisoadehu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wo Nyankopɔn anim no, na ɔtee wo nsɛm, na ɛno nti na maba yi. 13 Nanso ɔhene babarima a ofi Persia ahenni mu siw me kwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitiriw no mu baako bɛboaa me, efisɛ na wɔde me asie Persia hene nkyɛn. 14 Mprempren, maba merebɛkyerɛkyerɛ wo nea ɛbɛba wo nkurɔfo so daakye, efisɛ saa anisoadehu yi fa bere bi a ɛrebɛba ho."

15 Bere a ɔreka eyi akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔɔ mum. 16 Afei obi a ɔte onipa de ne saa kaa mʼano, na mibuee mʼano, fii ase kasae. Meka kyerɛɛ nea ogyina mʼanim no se, "Anisoadehu no ama me ho adwiriw me, me wura, na minni ɔboafo biara. 17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa betumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mintumi nhome."

18 Nea ɔte onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden. 19 Ɔka kyerɛɛ me se, "Nsuro, wo a wobu wo bebree. Asomdwoe nka wo. Hyɛ wo ho den. den."

Ɔkasa kyerɛɛ me no, minyaa ahoɔden na mekae se, "woama me ahoɔden yi, kasa, me wura."

20 Enti obisae se, "Wunim nea enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛ, mɛsan akɔ na me ne Persia ɔhenebabarima akɔko, na mekɔ a, Hela ɔhenebabarima bɛba; 21 nanso, medi kan aka nea wɔakyerɛw Nokware Nhoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye Mikael a ɔyɛ wo hene babarima no.

Veja também