Pular para o conteúdo
Publicidade

Daniel 4

Dua Ho Daeso

1 Ɔhene Nebukadnessar,

de saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahorow a ɛwɔ wiase se:

Ensi mo yiye mmoroso!

2 Ɛyɛ me anigye mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me.

3 Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne kɛse fa!

Na hwɛ sɛnea tumi a ɛwɔ nʼanwonwade no mu so fa!

Nʼahenni daa ahenni;

ne tumi teɛ awo ntoatoaso nyinaa so.

4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma me yam. 5 Nanso mesoo dae bi a, ɛbɔɔ me hu yiye. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehu a minyaa no hunahunaa me. 6 Ɛno nti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa wɔmmɛkyerɛ me dae no ase. 7 Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase. 8 Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no. 9 Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim , anyame kronkron no honhom wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase. 10 Bere a meda me mpa so no, dae a mesoe ne , mihuu dua bi a esi asase mfimfini a ɛware tenteenten. 11 Dua no nyin yɛɛ dutan kɛse na ne tenten koduu soro, a wuhu no asase so baabiara. 12 Na ne nhaban frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ, na asow aba bebree, na so aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso wɔn berebuw ne mman mu.

13 "Meda me mpa so no, mihuu ɔbɔfo kronkron bi a ofi ɔsoro reba fam mʼanisoadehu no mu. 14 Ɔbɔfo no teɛɛ mu se, Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Porow ne nhaban no, na tow nʼaba no pete. Pam mmoa no fi ne nwini ase, na pam wim nnomaa no fi ne mman so. 15 Nanso gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no.

" Afei, ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wuram. 16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.

17 " Asomafo asi gyinae dedaw; na akronkronfo abu atɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ateasefo nyinaa bɛte ase , Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, ɔyɛ onipa teta.

18 "Beltesasar, saa dae yi na me, Ɔhene Nebukadnessar soe. Afei kyerɛ me ase, efisɛ anyansafo a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me ase. Na wo de, wubetumi akyerɛ me, efisɛ anyame kronkron honhom no wo mu."

Daniel Kyerɛ Dae No Ase

19 Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, "Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu."

Beltesasar buae se, "Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so! 20 Nana, wuhuu dua bi a enyin yɛɛ dutan kɛse a ne tenten koduu soro, na wuhu no asase nyinaa so. 21 Na ne nhaban frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso wɔn berebuw ne mman mu. 22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no akyirikyiri kodu asase ano.

23 "Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.

24 "Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni. 25 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi , wubehu , Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. 26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no asase mu no kyerɛ , wuhu ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni. 27 Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye."

28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. 29 Asram dumien akyi a na ɔretu mpase ahemfi no abansoro atifi Babilonia no, 30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kurow no mu, na ɔkae se, "Ɛnyɛ Babilonia kurow kɛse a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenae de ahyɛ mʼahenni anuonyam ni ana?"

31 Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, "Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam. 32 Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi wubehu , Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ."

33 Amono mu ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii , ne tinwi yɛɛ atenten te ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ anomaa awerɛw.

34 Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se:

Ne tumi daa tumi,

Na nʼahenni teɛ awo ntoatoaso nyinaa so.

35 Asase so nnipa nyinaa,

wommu wɔn hwee.

Ɔde ɔsoro tumi nea ɔpɛ biara.

Na nnipa a wɔwɔ asase so

mu biara ntumi nsiw no kwan

anaa ommisa no se, "Dɛn na woayɛ yi?"

36 Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no. 37 Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa , na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.

Veja também